Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 20:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Ɛda no na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, sɛ merebɛyi wɔn afiri Misraim asase so de wɔn akɔ asase a mepɛ maa wɔn, a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ, a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 Saa da no, mekaa wɔn ntam se meyi wɔn afi Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwo ne nufusu sen wɔ so, asase nyinaa mu nea ɛyɛ papa pa ara no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 Saa ɛda no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Misraim na mede wɔn aba asase a mahwehwɛ ama wɔn, asase a ɛwoɔ ne nufosuo sene wɔ so, asase nyinaa mu deɛ ɛyɛ papa paa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 ɛda no na memaa me nsa so mekyerɛɛ wɔn, sɛ merebeyi wɔn afi Misraim asase so mede wɔn makɔ asase a mepɛe memaa wɔn a ɛsen nufusu ne ɛwo a ɛyɛ nsaase nyinaa ahyehyɛde no so,

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 20:6
40 Referencias Cruzadas  

Na wode mununkum dum kyerɛɛ wɔn kwan awia, ne ogya dum nso anadwo, sɛ ɛnhyerɛn mma wɔn, ɔkwan a wɔnam soɔ no so.


Na wohunuu yɛn agyanom amanehunu wɔ Misraim, na wotiee wɔn sufrɛ Mmɛwa Po ano.


Na wɔtoo asase a ɛyɛ no ho mpe, wɔannye n’asɛm anni.


Onyankopɔn de anigyeɛ huro kɔ ɔsoro, AWURADE de totorobɛnto gyegyeɛ kɔ.


Tenabea a ɛyɛ fɛ, asase nyinaa anika, ɛne Sion bepɔ, atifi fam nkyɛn mu no, ɔhenkɛseɛ kuro no.


Na sɛ AWURADE nya de wo duru Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase a ɔkaa wo nananom ntam sɛ ɔde bɛma woɔ, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so a, ɛno deɛ, fa ɛsom yi som no bosome yi mu.


Na mese: Mɛyi mo afiri Misraim amanehunu no mu akɔ Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ no.


Na masiane sɛ merebɛyi wɔn Misraimfoɔ nsam, na matu wɔn afiri asase no so akɔ asase pa a ɛtrɛ so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ tenabea hɔ.


Kɔ asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so; na me deɛ merenni wo mu nkɔ, ɛfiri sɛ woyɛ ɔman a wo kɔn asene, na mammene wo ɔkwan no mu.


Na mede mo bɛkɔ asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma Abraham, Isak, Yakob no so, na mede bɛma mo sɛ agyapadeɛ. Mene AWURADE.


na mama ntam a mekaa mo agyanom no agyina, sɛ mede asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ bɛma wɔn, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi. Na megyee so sɛ: Amen, AWURADE!


Na mese: Mede wo bɛsi me mma mu, na mede asase a ɛyɛ fɛ, amanaman asafo animuonyam apɛgyadeɛ, mama wo. Na mese: Mobɛfrɛ me sɛ: M’agya, na morensane mfiri m’akyiri bio.


na womaa wɔn asase yi a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn agyanom sɛ wode bɛma wɔn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Nanso memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn, ɛserɛ so sɛ, meremfa wɔn nkɔ asase a memaeɛ a ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ a ɛyɛ nsase nyinaa ahyehyɛdeɛ no so,


Nso mekaa wɔn ntam ɛserɛ no so, sɛ mɛbɔ wɔn apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so,


Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, berɛ a mede mo bɛba Israel asase, asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no soɔ no,


Na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛda a mefaa Israel na memaa me nsa so kyerɛɛ Yakob fie asefoɔ, na memaa wɔhunuu me Misraim asase soɔ na memaa me nsa so kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn, no.


na monkyɛ nni so mma obiara deɛ nyɛ sɛ ne nua deɛ, ɛfiri sɛ ɛho na maka ntam sɛ mede bɛma mo agyanom no; na asase yi bɛda hɔ ama mo, na moadi so.


Na deɛ ɔba ne soɔ no bɛyɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛgyina n’anim; na ɔbɛgyina asase fɛfɛ no so, na ɔde ne nsa asɛe no.


Na ɔbɛba asase fɛfɛ no so, na nnipa bebree bɛtotɔ; na yeinom bɛfiri ne nsam afi: Edom ne Moab ne Amonfoɔ mu fa titire.


Na abɛn ketewa baako firi emu baako mu bae, na ɛyɛɛ kɛseɛ boroo so kyerɛɛ anafoɔ fam ne apueeɛ ne asase fɛfɛ no;


na mese mo sɛ: Mo na monni wɔn asase soɔ, na mede mema mo sɛ momfa, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ. Mene AWURADE mo Nyankopɔn a mayi mo afiri amanaman mu no.


Na me de ahum bɛfa wɔn akɔ amanaman a wɔnni wɔn nyinaa mu, na wɔn akyiri asase no adane afo, na obi ara amfa so ankɔ ansane amma, na wɔama asase fɛfɛ no adane afo.


Na wɔbɔɔ wɔn amanneɛ kyerɛɛ no sɛ: Yɛakɔ asase a wosomaa yɛn soɔ no so, na ɛsene nufosuo ne ɛwoɔ ampa, na ɛso aba nie.


Sɛ yɛsɔ AWURADE ani a, ɔde yɛn bɛduru asase no so na ɔde ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


na mo nna aware asase a AWURADE kaa mo nananom ntam sɛ ɔde bɛma wɔn ne wɔn asefoɔ no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Firi wo tenabea kronkron ɔsoro brɛ w’ani ase hwɛ, na hyira wo man Israel ne asase a wode ama yɛn, sɛdeɛ wokaa yɛn nananom ntam no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Na ɔde yɛn aba ha yi de asase yi ama yɛn, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


na twerɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa gu so, da a wobɛtwam akɔ asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no soɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ahyɛ wo bɔ no.


Mesrɛ wo, ma mentwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔ fɛfɛ no ne Lebanon.


Na mede wɔn duru asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ a mekaa ho ntam mekyerɛɛ wɔn nananom no so a, wɔbɛdidi amee na wɔayɛ akɛseɛ, na wɔamane akɔ anyame foforɔ nkyɛn akɔsom wɔn, na wɔapo me na wɔato m’apam.


Na mema me nsa so mekɔ soro, na mese: Sɛ mete ase daa yi!


Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ sɛ Israelfoɔ ano sie.


Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yie, na woadɔɔso pii, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so.


Mfirinhyia aduanan na Israelfoɔ no nantee ɛserɛ soɔ kɔsii sɛ akofoɔ a wɔfiri Misraim baeɛ no nyinaa saa korakora, ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE nne maa AWURADE kaa wɔn ntam sɛ wɔrenhunu asase a AWURADE kaa wɔn agyanom ntam sɛ ɔde bɛma yɛn no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene wɔ soɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios