Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 20:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Nanso mede me home nna maa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na wɔnhunu sɛ mene AWURADE a metee wɔn ho no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na mede me homenna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnne wɔ yɛn ntam, sɛnea wobehu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na mede me home nna maa wɔn sɛ ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ wɔ yɛn ntam, sɛdeɛ wɔbɛhunu sɛ me Awurade na meyɛɛ wɔn kronkron.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 nanso mede me home nna memaa wɔn, sɛ ɛnyɛ me ne wɔn ntam sɛnkyerɛnne, na wonhu sɛ mene AWURADE a metew wɔn ho no.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 20:12
28 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛtɔ so nson no so, na ɔtee ho, ɛfiri sɛ ɛno mu na ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ wɔ adebɔ mu no nyinaa ho.


Na womaa wɔhunuu wo home da kronkron no, na wonam w’akoa Mose so hyɛɛ wɔn mmara nsɛm ne ahyɛdeɛ ne mmara.


Monhwɛ, sɛ AWURADE ama mo homeda nti na da a ɛtɔ so nsia no ɔma mo nnanu aduane; montenatena mo afie mu; mma obiara mmfiri adi mmfiri ne tenabea da a ɛtɔ so nson no.


Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wɔbɛku no.


Nhyira ne ɔdasani a ɔyɛ yei, ne onipa ba a ɔkura mu no, deɛ ɔdi homeda a ɔngu ho fi na ɔhwɛ ne nsa na anyɛ bɔne biara no.


na monnsoa adesoa biara nso mmfiri mo afie mu mmfiri adi homeda, na monnyɛ adwuma biara; na monni homeda no kronkron, sɛdeɛ mehyɛɛ mo agyanom no.


na monyɛ me home nna no kronkron, na ɛnyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, na monhunu sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn.


na meguu wɔn ho fi, wɔn ayɛyɛdeɛ mu, ne bɔ a wɔde wɔn abakan bɔɔ afɔdeɛ no mu, na masɛe wɔn, deɛ ɛbɛyɛ na wɔahunu sɛ mene AWURADE.


na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.


Na akameakamesɛm nso, wɔn ara na wɔnnyina hɔ mmu ho atɛn, m’atemmudeɛ so na wɔmmu atɛn, na wɔnhwɛ me mmara ahodoɔ ne m’ahyɛdeɛ, m’afahyɛ nyinaa mu, na wɔnyɛ me home nna kronkron.


Na monni m’ahyɛdeɛ so na monyɛ: Mene AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Na ɔnnhura n’asefoɔ ho ne man mu: Na mene AWURADE a meyɛ no kronkron.


Ntwamutam no ho nko na ɔmmma, na afɔrebukyia no ho na ɔnntwe mmpini, ɛfiri sɛ ɛdɛm wɔ ne ho: Na wanhura m’akronkronneɛ no ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE a meyɛ wɔn kronkron.


Na bu no kronkron, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn aduane na ɔde ba; ɔnyɛ onipa kronkron mma wo, ɛfiri sɛ kronkron ne me AWURADE a ɔyɛ mo kronkron no.


Kasa kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛdi kan nyɛ mo homeda, totorobɛntohyɛn nkaeɛ, nhyia kronkron;


Nnansia na wɔnyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ home mu homeda, wɔnhyia nhyia kronkron; monnyɛ adwuma biara, ɛyɛ AWURADE homeda mo tenabea nyinaa mu.


Ɛyɛ home mu homeda ma mo, na mommrɛ mo ho ase bosome no da a ɛtɔ so nkron no anwummerɛ; monni mo homeda no mfiri anwummerɛ nkɔsi anwummerɛ.


Nso bosome a ɛtɔ so nson no da a ɛtɔ so dunum a moreboa asase so nnɔbaeɛ ano no, monni AWURADE nnapɔnna nnanson: Da a ɛdi kan no yɛ homeda, na ɛda a ɛtɔ so nwɔtwe no yɛ homeda.


na afe a ɛtɔ so nson no nyɛ ahomegyeɛ home mma asase no, ɛnyɛ home mma AWURADE: Nnua w’afuo mu adeɛ, na mpempane wo bobe turo mu nnua ho.


Enti mommma obi mmmu mo atɛn aduane anaa anonneɛ anaa afahyɛ anaa ɔsrane foforɔ anaa home nna fam,


Na ɔno asomdwoeɛ Nyankopɔn no ara nte mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so mu a ɛho remma asɛm biara yɛn Awurade Yesu Kristo ba mu.


Yuda, Yesu Kristo akoa, ne Yakobo nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a Agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no:


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios