Hesekiel 2:6 - New Revised Asante Twi Bible6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ. Ver CapítuloTwerɛ Kronkron6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ. Ver CapítuloAkuapem Twi Nkwa Asɛm6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwɔ mu sɛ nsasono ne nsɔe atwa wo ho ahyia na wote nkekantwɛre mu de, nanso nsuro nea wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu, ɛwɔ mu sɛ wɔyɛ atuatewfo. Ver CapítuloAsante Twi Nkwa Asɛm6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, anaasɛ wɔn nsɛm. Nsuro, ɛwom sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ atwa wo ho ahyia, na wote anyanyankyerɛ mu deɛ, nanso nsuro deɛ wɔka, na mma wɔmmɔ wo hu sɛ wɔyɛ atuatefoɔ. Ver CapítuloKYERƐW KRONKRON6 Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsasono ne nsɔe wɔ wo ho, na nkekantwɛre ho na wote de, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma wo bo nntu wɔn anim; na wɔyɛ abusua asowuifo. Ver Capítulo |