Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 19:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahemfo mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn kɔduruu mununkum kusuu ntam, na wɔhunuu no ne korɔn mu, ne ne mman dodoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na ɔnyaa mpoma a na ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahemfo mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn kɔduruu mununkum kusuu ntam, na wɔhunuu no ne korɔn mu, ne ne mman dodoɔ mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ne mman yɛɛ den yiye; edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema. Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ne mman yɛɛ den yie ɛdi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempoma. Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na onyaa nhama a ɛyɛ den na ɛyɛɛ ahene mpoma, na ne kɛseyɛ korɔn koduu amununkum kusuu ntam, na wohu no ne korɔn mu, n’abaa dodow mu.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 19:11
19 Referencias Cruzadas  

Ahempoma remfiri Yuda nsa, na mmarahyɛ poma remfiri ne nan ntam de kɔsi sɛ ɛsodifoɔ a aman bɛyɛ setie ama no no bɛba.


Na Tirohene Hiram somaa ne nkoa maa wɔbaa Salomo nkyɛn, ɛberɛ a ɔtee sɛ wɔasra no ngo asi no hene n’agya ananmu; ɛfiri sɛ Hiram dɔɔ Dawid daa.


Nanso ahemfo akɛseɛ tenaa Yerusalem, na wɔdii asuogya hɔ nyinaa so, na wɔyii toɔ ne amanneɛ ne akwanneɛ maa wɔn nso.


Na sɛ wɔbuaa yɛn nie: Wɔse: Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɛdan a wɔsii no tetetete mfeɛ bebree yi a Israel hene kɛseɛ bi siiɛ na ɔwieeɛ no.


Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!”


na bɛwowa deɛ wo nifa tɛeɛ no, ne ɔba a woafa no ayɛ wo deɛ no pintinn.


Fa wo nsa kata wo nifa nipa no so, onipa ba a woafa no ayɛ wo deɛ pintinn no so,


Na duforɔ bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afiri ne nhini mu aso aba.


Na wɔtuu no anibereɛ so too no hwee fam, na apueeɛ mframa kusaa n’aba no; ne mpoma a na ɛyɛ den no bubui na ɛtwintwamee, na ogya hyee.


Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu ahye n’aba, na poma a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio. Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.


wɔase ano sɛ ɛnkum, wɔapɔ ho sɛ ɛntwa nyinamnyinam. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛama yɛn ho asɛpɛ yɛn? Me ba woabu abaa, ne atenetene nyinaa animtia?


Na wɔasɔ ahwɛ; na sɛ poma a ɛbu animtia no mpo nyɛ hwee a, ɛdeɛn na ɛbɛyɛ? AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Hwɛ, Asiria te sɛ Lebanon so tweneduro, ne mman fɛfɛ, n’ahahan kusuu a ɛma enwunu, na ɛkorɔn sorɔnsorɔn a ne ntɛntɛnoa wɔ mununkum ntam.


Dua no nyini yɛɛ kɛseɛ na ɛyɛɛ den, na ne tentene kɔduruu soro, na wɔhunu no asase so baabiara;


Na ɛda a ɛdi kan no, momfa nnua afɛfɛ so adeɛ, ɛberɛ ne nnua kusuu mman ne nsunoa nnua, na mo ani nnye AWURADE mo Nyankopɔn anim nnanson.


Mehu no, nso ɛnyɛ seesei, mehwɛ no, nso ɔmmɛn: Nsoromma bɛpue Yakob mu, na ahempoma bɛfiri Israel mu asɔre, na wadwerɛ Moab afanan nyinaa na wabubu ɔko huuyɛ mma no nyinaa.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios