Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 18:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israelfi. Ongu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbea a wabu ne nsa nna.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw no, na onhura ne yɔnko yere ho na ɔnkɔ ɔbea a wabu nsa ho,

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 18:6
25 Referencias Cruzadas  

Mɛma m’ani so makyerɛ mmepɔ no, ɛhe na me mmoa firi bɛba?


na wo ne deɛ ɔte asase no soɔ no ampam, na wɔdi wɔn anyame akyi bɔ adwaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔdeɛ a, obi ammɛfrɛ wo na woankɔdi n’afɔrebɔdeɛ no bi,


Saa na deɛ ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn teɛ, na obiara a ɔkɔ ne yɔnko yere nkyɛn no renni bem.


na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi,


Na sɛ onipa yɛ ɔteneneeni, na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,


ɛsiane sɛ wɔanyɛ m’atemmudeɛ na wɔapo m’ahyɛdeɛ, na wɔagu me home nna ho fi, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuo akyiri nti.


ɛfiri sɛ mede wɔn baa asase a mekaa ntam sɛ mede bɛma wɔn no soɔ no, sɛ wɔhunu kokoɔ a ɛkorɔn biara ne dua kusuu biara, na wɔrebɔ wɔn afɔdeɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn ayɛyɛdeɛ a ɛhuru me boɔ no kyɛ wɔ hɔ, na wɔde wɔn hwa hwamhwam ma wɔ hɔ, na wɔhwie wɔn ahwiesa wɔ hɔ.


na meka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo nyinaa montoto mo ani so akyiwadeɛ no ngu, na mommfa Misraim abosonhuhuo nngu mo ho fi; mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na mobɛhunu sɛ mene AWURADE, sɛ wɔn atɔfoɔ bɛdeda wɔn abosom ahoni ntam, atwa wɔn afɔrebukyia ho ahyia, nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne mmepɔ atifi nyinaa ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase ne adum akusukusuu nyinaa ase, deɛ wɔhye hɔ aduhwam ma wɔn abosom ahoni nyinaa no.


Ɔbarima a ɔfa ɔbarima bi yere na ɔne ne yɔnko yere sɛe awadeɛ no, kum na wɔnkum ɔbarima ne ɔbaa awaresɛefoɔ no.


Na ɔbarima a ɔne ɔbaa a wabu ne nsa da na ɔyi n’adagya soɔ na ɔbue n’abura ano, na ɔno nso yi ne mogya abura soɔ no, wɔntwitwa wɔn baanu nyinaa mfiri wɔn man mu ngu.


na wɔhyiahyiaa ɔman no kɔɔ wɔn anyame afɔreduane ho; na ɔman no didii na wɔsɔree wɔn anyame no;


Na me deɛ, mese mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no n’akomam dada.


Dabi, na mmom mese, afɔdeɛ a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn, na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne nya ayɔnkoyɛ.


Na woamma w’ani so ankyerɛ soro anhwɛ owia ne ɔsrane ne nsoromma, ɔsoro asafo nyinaa, na antwe wo ankɔsɔre wɔn ansom wɔn, nnoɔma a AWURADE wo Nyankopɔn akyekyɛ ama wiase amanaman nyinaa no.


Wɔnni awadeɛ ni, ade nyinaa mu, na wɔnngu awadeɛ mpa ho fi; ɛfiri sɛ nnwamamfoɔ ne awaresɛefoɔ deɛ, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios