Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 18:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 na ɔno ara deɛ ɔnnyɛ nnoɔma yeinom biara, (wanyɛ yeinom mu biara), na sɛ nso ɔdi afɔreduane mmepɔ no so, na ɔgu ne yɔnko yere ho fi,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 na ɔno ara deɛ ɔnnyɛ nnoɔma yeinom biara, (wanyɛ yeinom mu biara), na sɛ nso ɔdi afɔreduane mmepɔ no so, na ɔgu ne yɔnko yere ho fi,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 (ɛwɔ mu, agya no nyɛɛ eyinom mu biara ɛ): “Odidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu. Ogu ne yɔnko yere ho fi.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 (bɔne a nʼagya mpo anyɛ bi da): “Ɔdidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu. Ɔgu ne yɔnko yere ho fi.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 na ɔno ankasa de, wanyɛ eyinom mu biara, na sɛ nso odi afɔreduan wɔ mmepɔw no so, na ɔkɔ ne yɔnko yere ho,

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 18:11
15 Referencias Cruzadas  

na woasane abɛdidi na woanom nsuo faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsuo, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu.


Na Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fie fa bɛma me mpo a, me ne wo renkɔ, na merenni aduane, nso merennom nsuo ɛha yi,


Na sɛ ɔwɔ ɔba korɔmfoɔ a ɔka mogya guo, na ɔyɛ yeinom mu baako pɛ,


na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi,


Na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ, na obi gu n’ase baa ho fi aniwudeɛ mu, wo mu na obi to ne nuabaa, n’agya ba, mmɔnaa.


Na ɔno deɛ, ɔkaa sɛ: Ampa ara nhyira ne wɔn a wɔte Nyankopɔn asɛm na wɔdi soɔ!


Sɛ monim yeinom na moyɛ a, nhyira ne mo.


Sɛ moyɛ deɛ mehyɛ mo a, na moyɛ me nnamfo.


Anaasɛ monnim sɛ wɔn a wɔntene no rennya Nyankopɔn ahennie no? Mommma wɔnnnaadaa mo: Adwamammɔfoɔ, abosonsomfoɔ, awaresɛefoɔ, mmarima ahohwifoɔ, mmarima a wɔne mmarima da,


deɛ moasua nso na moagyeɛ na moateɛ na moahunu wɔ me ho no, ɛno ara na monyɛ! Na asomdwoeɛ Nyankopɔn ne mo bɛtena.


Sɛ gyidie nso teɛ ne no. Sɛ ɛnni nnwuma a, na awu wɔ ne nko ara fam.


na biribiara a yɛsrɛ no, yɛnya firi ne nkyɛn, ɛfiri sɛ yɛdi n’ahyɛdeɛ so, na yɛyɛ deɛ ɛsɔ n’ani.


Nhyira ne wɔn a wɔhoro wɔn ntadeɛ, sɛdeɛ wɔbɛnya nkwa dua no ho kwan, na wɔafa apono no ano akɔ kuro no mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios