Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 17:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛbɛyɛ yiye ana? Wɔrentu nʼase ntetew ne so aba mma entwintwam ana? Nea afefɛw wɔ ho nyinaa betwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na wɔatu nʼase.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ wɔ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu yɛ duru anaa nnipa bebree na watu nʼase.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So ɛbɛyɛ yiye? So ɔrentutu ne ntini na n’aba, entwintwam? Ahaban a ɛfefɛwee no nyinaa betwintwam, na ɛnyɛ basa kɛse anaa dɔm bebree na ehia sɛ wɔde beso ne ntini mu atu no.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 17:9
17 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, Onyankopɔn ka yɛn ho, di kan, ne n’asɔfoɔ a wɔhyɛne osebɔ ntotorobɛnto, sɛ wɔde bɛfrɛ ɔko atia mo. Israel mma, mo ne AWURADE mo agyanom Nyankopɔn no nnko, na ɛrensi mo yie.


Na wɔsɔree anɔpatutu, na wɔfirii adi kɔɔ Tekoa serɛ so. Na wɔrefiri adie no, Yehosafat gyinae na ɔkaa sɛ: Yuda ne Yerusalemfoɔ, montie me. Monnye AWURADE mo Nyankopɔn nni, na mobɛtim, na monnye n’adiyifoɔ no nni, na mobɛdi yie.


na ɔde Sedekia bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛba abɛhwɛ no, AWURADE asɛm nie. Sɛ mo ne Kaldeafoɔ ko a, ɛrensi mo yie.


Na sɛ mokum Kaldeafoɔ a wɔne mo reko no dɔm nyinaa ma no ka wɔn mu apirafoɔ mpo a, wɔbɛsɔresɔre wɔn ntomadan mu mmaako mmaako de ogya abɛhye kuro yi.


Na hwɛ, wɔatɛ no yi, ɛbɛkye? Berɛ a apueeɛ mframa bɛka no no, ɛnyɛ kusa na ɛbɛkusa anaa? Akofie a ɛfifirii soɔ no so na ɛbɛtwintwam.


Afu pa so ne nsuo bebree ho na ɔtɛeɛ, sɛ ɛnyiyi mman, na ɛnso aba, na ɛnyɛ bobe fɛfɛ.


Nanso mesɛee wɔn anim Amorini a ne kɛseɛ te sɛ ntweneduro kɛseɛ na ne ho yɛ den sɛ adum nnua no, na mesɛee n’aba wɔ soro ne n’ase nhini no.


Na Mose kaa sɛ: Adɛn na mofom AWURADE asɛm no ho yi? Yei deɛ, ɛrenyɛ yie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios