Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 17:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree. Na hwɛ, bobe no firi n’akofie a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene, ne nhini kɔɔ ne fam, na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so, sɛ ɔmma no nsuo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Nso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree. Na hwɛ, bobe no firi n’akofie a wɔtɛɛ no wɔ mu no mu tentene, ne nhini kɔɔ ne fam, na ɛyiyii ne mman kɔɔ ne so, sɛ ɔmma no nsuo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 “ ‘Nanso na ɔkɔre kɛse foforo bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no dannan ne ntin fii beae a woduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔre no na ɔtrɛw ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 “ ‘Nanso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho wɔ ntakra bebree wɔ hɔ. Bobe no danee ne nhini firii beaeɛ a wɔduaa no hɔ kyerɛɛ ɔkɔdeɛ no na ɔtrɛɛ ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsuo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Nso ɔkɔre kɛse bi wɔ hɔ, ne ntaban akɛseakɛse, na ne ntakra bebree; na hwɛ, saa bobe no fi n’akofi a wɔtɛwee wɔ mu no mu tentenee ne ntini kɔɔ ne fam, na oyiyii n’abaa kɔɔ no so, sɛ ɔmma no nsu. Efi beae a wɔtɛwee no

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 17:7
7 Referencias Cruzadas  

Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene so atua.


Na ɛdɔm a ɛhyɛ wɔn aseɛ a wɔtumi wɔn ho ano si mpemahasa ne mpemnson ahanum, akofoɔ a wɔwɔ tumi ne ahoɔden de boa ɔhene tia atamfoɔ.


Nanso ɔtee n’anim atua somaa n’abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Misraim, sɛ wɔmma no apɔnkɔ ne ɛdɔm bebree. Ɛbɛsi no yie anaa? Deɛ ɔyɛ yeinom bɛfiri mu afi anaa? Ɔbɛsɛe apam no na wafa ne ho adi anaa?


Na ɛfifirii yɛɛ bobe a ɛdennaneeɛ a ɛhwihwa fam ma ne mman tenetene baa ne ho, na ne nhini wɔ n’ase; na ɛyɛɛ bobe na ɛyiyii mman na ahahan baa so.


Afu pa so ne nsuo bebree ho na ɔtɛeɛ, sɛ ɛnyiyi mman, na ɛnso aba, na ɛnyɛ bobe fɛfɛ.


Nsuo maa no yɛɛ kɛse, ebunu maa no korɔnn. Ne nsutene sene twaa ne mfuo ho hyiae, na ɛde ne nsuka kɔɔ wiram nnua nyinaa ho.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios