Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 17:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Ka kyerɛ asowuiɛ fie no sɛ: Monhunu adekodeɛ a yei yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 “Ka kyerɛ saa atuatewfo yi se, ‘Munnim nea saa nneɛma yi kyerɛ ana?’ Ka kyerɛ wɔn se, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne hene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 “Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi sɛ, ‘Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?’ Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 Ka kyerɛ asowui fifo no sɛ: So munhu dekode a eyi yɛ? Ka sɛ: Hwɛ, Babel hene baa Yerusalem, na ɔbɛfaa emu hene ne emu asafohene, na ɔde wɔn kɔɔ ne nkyɛn Babel.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 17:12
30 Referencias Cruzadas  

Na ɛnam AWURADE abufuo so na ɔtuu Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene so atua.


Na sɛ mo mma bisa mo sɛ: Mo som yi aseɛ ne sɛn a,


O ɔsoro, montie, O asase, yɛ aso, na AWURADE akasa: Mayɛne mma ama wɔanyini, na mama wɔn so, na wɔn deɛ, wɔabɔ me so ko.


ɔdɔmmarima ne ɔkofoni, ɔtemmufoɔ ne odiyifoɔ, nkɔmhyɛfoɔ ne ɔpanin,


Na wo ara wo mma a woawo wɔn no mu binom, wɔbɛfa wɔn na wɔakɔyɛ Babel hene aban mu ayitotofoɔ.


Na Yudahene Sedekia ne mmapɔmma no, mede wɔn bɛhyɛ wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔrehwehwɛ wɔn akum wɔn no nsa, ne Babel hene dɔm a wɔafiri mo ho korɔ yi no nsa.


Na Sedekia a ɔyɛ Yosia ba bɛdii hene sii Konia a ɔyɛ Yehoiakim ba a Babelhene Nebukadnessar sii no Yuda asase so hene no ananmu.


Na AWURADE abufuo nti, ɔtoo Yerusalem ne Yuda firii n’anim guiɛ. Na Sedekia tee Babel hene anim atua.


Bosome no da a ɛtɔ so nnum, (Ɔhene Yoiakin tukorɔ afe a ɛtɔ so nnum mu no),


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi, a ɔwɔ ntaban akɛseakɛse, ne ntakra atenteneatentene, ntakra nworanworan ayɛ ne ho ma, baa Lebanon bɛbuu tweneduro nkona.


Na wo, onipa ba, tie deɛ mereka akyerɛ woɔ yi, nyɛ atuateni sɛ atuatefoɔ fie yi; bae w’anomu, na di deɛ mede merema woɔ yi.


Na nkurɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ: Worenkyerɛ yɛn adekodeɛ a yeinom a woreyɛ yi kyerɛ wɔ yɛn ho anaa?


Mayɛ wo moma so sɛ ahemmoɔ a ɛyɛ den sene twerɛboɔ; nsuro wɔn, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim, na wɔyɛ atuatefoɔ.


Na sɛ wo man mma bisa wo sɛ: Worenkyerɛ yɛn deɛ wode yeinom reyɛ anaa?


Moate yeinom nyinaa ase anaa? Wɔbuaa no sɛ: Aane.


Ɛdeɛn nti na monhunu sɛ ɛnyɛ paanoo ho asɛm na mereka mekyerɛ mo? Monhwɛ mo ho yie Farisifoɔ ne Sadukifoɔ mmɔreka ho!


Na ɔsee wɔn sɛ: Monnim bɛ yi? Na ɛbɛyɛ dɛn na mobɛhunu mmɛ no nyinaa?


Na wɔante asɛm yi ase, ɛfiri sɛ na wɔde ahunta wɔn na wɔanhunu. Na wɔsuroo sɛ wɔbɛbisa no asɛm yi.


Na Filipo de mmirika kɔɔ ne nkyɛn, na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifoɔ Yesaia nwoma no, ɔbisaa no sɛ: Wote deɛ worekenkan yi ase anaa?


Sɛ ɔkyena bi, wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi?


Na ɔka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Sɛ ɔkyena bi mo mma bisa wɔn agyanom sɛ: Aboɔ yi kyerɛ deɛn?


Sɛ mo mma bisa mo ɔkyena bi sɛ: Mode aboɔ yi kyerɛ deɛn?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios