Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 17:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na hwɛ, wɔatɛ no yi, ɛbɛkye? Berɛ a apueeɛ mframa bɛka no no, ɛnyɛ kusa na ɛbɛkusa anaa? Akofie a ɛfifirii soɔ no so na ɛbɛtwintwam.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na hwɛ, wɔatɛ no yi, ɛbɛkye? Berɛ a apueeɛ mframa bɛka no no, ɛnyɛ kusa na ɛbɛkusa anaa? Akofie a ɛfifirii soɔ no so na ɛbɛtwintwam.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ wotu bobe no tɛw a, ɛbɛyɛ yiye ana? Sɛ apuei mframa bɔ no a, ɛrentwintwam ana? Ebewu wɔ asase pa a woduaa wɔ so ma enyinii yiye no so.’ ”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Sɛ wɔtu bobe no tɛ a, ɛbɛyɛ yie? Sɛ apueeɛ mframa bɔ no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu wɔ asase pa a wɔduaa wɔ so ma ɛnyinii yie no.’ ”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na hwɛ, wɔatɛw no yi, so ɛbɛkye ade? So bere a apuei mframa bɛka no no, ɛnyɛ okisa na ebekisa? Wɔ akofi a efifii so no so ara na ebetwintwam.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 17:10
12 Referencias Cruzadas  

Na hwɛ, mmɛtem nson nkorowankorowa a apueeɛ mframa akusa no fifiri dii akyire bae.


na ɔde Sedekia bɛkɔ Babel, na ɛhɔ na ɔbɛtena akɔsi sɛ mɛba abɛhwɛ no, AWURADE asɛm nie. Sɛ mo ne Kaldeafoɔ ko a, ɛrensi mo yie.


Ɛberɛ no mu na wɔbɛka akyerɛ ɔman yi ne Yerusalem sɛ: Mframa a emu yɛ hyeɛ bɛfiri anwea pradada so mpampa so afa me man ababaa kwan so aba, ɛnyɛ deɛ ɛbɛpo soɔ anaa deɛ ɛbɛhu soɔ,


Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:


Ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛbɛyɛ yie? Ɔrentutu ne nhini, na ɔntwitwa n’aba na atwintwam? Ahahan a ɛfefɛeɛ no nyinaa bɛtwintwam, na ɛnyɛ basa kɛseɛ anaa ɛdɔm bebree na wɔde bɛsɔ ne nhini mu atu no.


Efraim hwe mframa, na ɔdi apueeɛ ahum akyi; daa nyinaa wɔma atorɔ ne ɔsɛeɛ dɔɔso, na wɔne Asiria kɔ apam, na wɔsoa ngo kɔ Misraim.


Na ɔbɛso aba ne nuanom mu. Apueeɛ ahum bɛtu, AWURADE mframa firi ɛserɛ so bɛbɔ, na n’asubura mu awe, na ne nsuo aniwa to atwa; na ɔbɛfom adekoradan mu afɛfɛdeɛ nyinaa.


Na ɔhunuu borɔdɔma bi kwan so no, ɔkɔɔ ho, na wanhunu hwee wɔ so sɛ ahahan nko ara. Na ɔsee no sɛ: Worenso aba bio ara da! Na amonom hɔ ara na borɔdɔma no poeɛ.


Na anɔpatutu a wɔretwam no, wɔhunuu sɛ borɔdɔma no awu firi ne nhini ase.


Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.


Yeinom yɛ mo dɔ adidie mu nkekaeɛ, wɔne mo redidi, wɔmfɛre adeɛ, wɔyɛne wɔn ho; wɔyɛ mununkum a nsuo nni mu a mframa twetwe kyinkyini, nnua a ɛso nhahan aporeɛ a ɛnni aba, na awu mprenu a ne nhini atutuo,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios