Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 16:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Na mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Na mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Mede nsu guaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede srade ahorow srasraa wo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 “ ‘Mede nsuo dwaree wo, na mehohoroo wo ho mogya na mede sradeɛ ahodoɔ srasraa wo.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Na mede nsu miguaree wo, na mehohoroo wo ho mogya no, na mesraa wo ngo;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 16:9
16 Referencias Cruzadas  

Woto me pono, m’atamfoɔ anim, wode ngo fɔ me tirim, me kuruwa yɛ ma bu so.


Fa adwera yi me ho bɔne, na me ho afi; dware me, na mayɛ fitaa asene nwera.


da a AWURADE de atemmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fi na wayi Yerusalem mogya so afiri mu no.


na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho;


Na w’awoɔ mu deɛ, da a wɔwoo woɔ no, wɔantwa wo funuma, na wɔamfa nsuo annware wo amma wo ho amfi, nkyene nso wɔamfa ansra wo, na wɔamfa ntoma ankyekyere wo.


Na mede nsu korɔgyenn bɛpete mo so na mo ho ate; mo ho fi nyinaa ne mo abosonhuhuo nyinaa mu na mɛte mo ho afire,


na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, mununkum ne ɛpo no mu,


Saa na anka mo mu bi teɛ; na afei wɔadware mo, na wɔate mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.


Na deɛ ɔde yɛne mo tim Kristo mu na wasra yɛn no ne Onyankopɔn;


Na mo deɛ, moanya ngosra no firi Ɔkronkronni no hɔ, na mo nyinaa nim de.


Na mo deɛ, ngosra a monyaa no ne nsa mu no te mo mu, enti ɛnhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo; na mmom sɛdeɛ ngosra no ara kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho no na ɛyɛ nokorɛ, na ɛnyɛ atorɔ. Na sɛdeɛ akyerɛkyerɛ mo no, montena ne mu!


Honhom, nsuo ne mogya, na baasa yi bɔ mu yɛ baako.


Na dware na sra hyɛ wo ntadeɛ na siane kɔ aporeeɛ hɔ; na nyi wo ho adi nkyerɛ ɔbarima no kɔsi sɛ ɔbɛwie adidie ne ɔnom ansa;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios