Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 16:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Akyiri yi mibepuee wo so, na mehwɛɛ wo na mihuu sɛ woaso aware no, mede mʼatade fa bi kataa wʼadagyaw so. Misua kyerɛɛ wo na me ne wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfo Awurade na ose.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 “ ‘Akyire yi mebɛpuee wo so, na mehwɛɛ woɔ na mehunuu sɛ woaso awadeɛ no, mede mʼatadeɛ fa bi kataa wʼadagya so. Mesuae kyerɛɛ wo na mene wo yɛɛ apam na wobɛyɛɛ me dea, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na mebetwaa wo ho na mihuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo bere, ɔdɔ bere; na mede me ntaban metrɛw wo so, na mekataa w’adagyaw so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, na woyɛɛ me de.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 16:8
25 Referencias Cruzadas  

Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woayɛ saa asɛm yi, na woankame me wo ba korɔ no nti, maka me ho ntam sɛ:


Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.


Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.


Na afei, sɛdeɛ AWURADE a ɔbɔɔ woɔ, Yakob, na ɔnwonoo woɔ, O Israel, no ka nie: Nsuro, na magye wo, mabɔ wo din mafrɛ wo, woyɛ me dea.


Sɛ wosom boɔ m’ani so, w’anim aba nyam, na me na madɔ woɔ nti, mede nnipa bɛma asi wo ananmu, na mede aman bi asi wo kra ananmu.


AWURADE ama mahu no akyirikyiri. Na daa dɔ na mede madɔ woɔ, enti na matwe wo adɔeɛ soɔ.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.


Ɛnna mebɛsianee wo ho na mehunuu woɔ, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa!


Israel yɛ aberanteɛ no, na medɔ no, na Misraim na mefrɛɛ me ba firiiɛ.


na mafiri hɔ mama no ne bobe nturo, na Akor bonhwa no, mayɛ no anidasoɔ pono, na ɔbɛgye so wɔ hɔ sɛ ne mmabaaberɛ mu ne ɛda a ɔfiri Misraim asase so foro baeɛ no.


Na ɔbɛti n’adɔfo, na ne nsa renka wɔn, na ɔbɛhwehwɛ wɔn akyiri kwan, na ɔrenhunu; na ɔbɛka sɛ: Mɛsane m’akyiri makɔ me kane kunu no nkyɛn; na ɛno mu na ɛyɛ ma me sene afei.


Madɔ mo, AWURADE na ɔseɛ. Na mobisa sɛ: Wode deɛn na adɔ yɛn? Esau nyɛ Yakob nua? AWURADE asɛm nie; nanso medɔɔ Yakob,


Na Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, ɛfiri sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfoɔ no, Kristo wu maa yɛn.


na AWURADE mo Nyankopɔn yɛ Onyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ, ɔrempa mo na ɔrensɛe mo, na ne werɛ remfiri mo nananom apam a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ wɔn no.


Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ wo hwan a? Na ɔse: Ɛyɛ me, w’abaawa Rut. Trɛ w’atadeɛ mmuano mu fa kata w’abaawa so, ɛfiri sɛ abusua mu gyefoɔ ne wo.


Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios