Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 16:7 - New Revised Asante Twi Bible

7 Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

7 Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

7 Mehwɛɛ wo ma wunyinii sɛ afifide. Wunyinii, na woyɛɛ nsiforo kɔɔ afikyiri. Wo nufu bobɔe, na wo ho fuw nwi, nanso na woda adagyaw.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

7 Mehwɛɛ wo ma wonyiniiɛ sɛ afifideɛ. Wonyiniiɛ, wofɛeɛ bɛyɛɛ abohemaa mu deɛ ne ho fɛ pa ara. Wo nufu bobɔeɛ na wo ho nwi fuiɛ, wo a na anka woda adagya.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

7 Meyɛɛ wo dodow mpem huhaa sɛ wuram mfefɛwee, na wodɔe yɛɛ kɛse, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fuwii; nanso wonam adagyaw ne kwaterekwa.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 16:7
28 Referencias Cruzadas  

Hyira na mɛhyira woɔ, na dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔre sɛ ɔsoro nsoromma ne mpoano anwea. Na w’asefoɔ bɛfa wɔn atamfoɔ nkuro ano apono adi so.


na ɔkaa sɛ: Adagya na mede mefiri me na yam baeɛ, na adagya na mede bɛsane akɔ. AWURADE de mae, na AWURADE afa, nhyira nka AWURADE din.


Na AWURADE ayi Yakob afa, ɔde Israel ayɛ ne deɛ.


Ɔnyɛɛ ɔman biara saa da, na n’atemmudeɛ no, wɔnnim. Monyi AWURADE ayɛ!


Na wama abɛn so ama ne man, ama n’ahotefoɔ nyinaa ayeyie, ama Israel mma, ɔman a wɔbɛn no no. Monyi AWURADE ayɛ!


Na Israel mma no wowoe, na wɔdɔree bebree, na wɔn ase kyenee, na wɔn ho yɛɛ den papaapa; na wɔyɛɛ asase no so ma.


Na Israelfoɔ no sii mu firii Rameses kɔɔ Sukot, wɔbɛyɛ mmarima a wɔnam fam, mpem ahansia, wɔankan mmaa ne mmɔfra anka ho.


Na mmaa mmisabisa wɔn afipamfoɔ ne wɔn afitenafoɔ nkyɛn dwetɛ nnwinneɛ ne sika nnwinneɛ ne ntoma, na momfa nhyehyɛ mo mmammarima ne mo mmammaa, na Misraimfoɔ nnoɔma no nyɛ mo asadeɛ.


Wo nufo mmienu te sɛ atweburuwa nta a wɔdidi sukooko mu.


Me deɛ, meyɛ ɔfasuo, na me nufoɔ te sɛ aban atentene, ɛno na meyɛɛ n’ani so sɛ deɛ ɔde asomdwoeɛ ba.


Yɛwɔ onuabaa kumaa bi a ɔmmobɔɔ nufoɔ. Ɛdeɛn na yɛbɛyɛ ama yɛn nuabaa no da a wɔbɛbisa n’aseɛ no?


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


Na wobɛyɛ ahokeka abotire, AWURADE nsa mu ne ɔhene abotitene, wo Nyankopɔn nsam.


Na wofaa wo ntadeɛ no bi de yɛɛ nsaasaawa wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ fae, na wobɔɔ so adwaman, nnoɔma a ɛte saa bi mmaa da, ɛrenyɛ saa nso.


Na w’akyiwadeɛ ne w’adwamanneɛ nyinaa mu no, woankae wo mmabaaberɛ nna no a na woda adagya na wonnam kwaterekwa bɔ wo ho adapaa, wo mogya mu no.


Ɛnna mebɛsianee wo ho na mehunuu woɔ, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa!


na mampa ne ho ntoma mamma no anna adagya, na mamfa no mansi hɔ sɛ da a wɔwoo no, na manyɛ no sɛ ɛserɛ so, na mamfa no mansi hɔ sɛ asase pɛsɛɛ, na mamfa sukɔm anku no.


Na ɛbɔ a Onyankopɔn kaa ho ntam kyerɛɛ Abraham no berɛ reduru no, ɔman no dɔree, na wɔyɛɛ bebree wɔ Misraim


AWURADE mo Nyankopɔn ama moadɔɔso, na hwɛ, ɛnnɛ mo dodoɔ te sɛ ɔsoro nsoromma;


AWURADE mo nananom Nyankopɔn mfa no sɛdeɛ moteɛ yi mmɔho apem nka mo ho, na ɔnhyira mo sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.


Na ɔman kɛseɛ bɛn na ɛwɔ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ tenenee sɛ mmara a mede meresi mo anim nnɛ yi nyinaa?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios