Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 16:5 - New Revised Asante Twi Bible

5 Obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo yeinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtoo wo twenee ɛserɛ so, too wo kra ho pe, da a wɔwoo woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

5 Obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo yeinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtoo wo twenee ɛserɛ so, too wo kra ho pe, da a wɔwoo woɔ no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara anhu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ eyinom biara ama wo. Mmom wɔtow wo kyenee wuram, efisɛ da a wɔwoo wo no, wobuu wo animtiaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

5 Obiara anhunu wo mmɔbɔ, na obiara yam anhyehye no sɛ ɔbɛyɛ yeinom biara ama wo. Mmom wɔtoo wo twenee wiram, ɛfiri sɛ ɛda a wɔwoo woɔ no, wɔbuu wo animtiaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

5 obiara yam anhyehye no amma wo anyɛ wo eyinom mu biara amfa anhu wo mmɔbɔ, na wɔtow wo kyenee sare ani too wo kra ho mpe, da a wɔwoo wo no.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 16:5
13 Referencias Cruzadas  

Na ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ: Pamo afenaa yi ne ne ba no, na ɛnyɛ afenaa yi ba ne me ba Isak na ɛbɛdi adeɛ.


Ɛnna Farao hyɛɛ ne man nyinaa sɛ: Ɔbabanin biara a wɔbɛwo no no, monkɔto no ntwene asubɔnten no mu, na mmammaa nyinaa deɛ, momma wɔntena ase.


Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa? Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a, me deɛ, me werɛ remfiri wo.


Afunumu sie na wɔde bɛsie no, wɔbɛtwe no ato no atwene Yerusalem apono akyiri.


Nisuo ama m’ani ayɛ siamoo, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma ate, ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti, ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti, kuro no mmɔntene so.


Sɔre kekam anadwo, ɔdasuom mfitiaseɛ, hwie w’akoma gu sɛ nsuo, AWURADE anim; wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no, na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti.


Mmaa a wɔn yam hyehye wɔn de wɔn nsa noaa wɔn ara wɔn yafumma; wɔde wɔn yɛɛ aduane, me man babaa sɛeɛ no mu.


Ɛserɛ so kraman mpo twetwe wɔn nufo ma wɔn mma nnum; me man babaa adane otirimuɔdenfoɔ te sɛ ɛserɛ so nsohori.


Ɛnna mebɛsianee wo ho na mehunuu woɔ, sɛ wɔabɔ wo adapaa, wo mogya mu, na meka mekyerɛɛ wo, wo mogya no mu, sɛ: Nya nkwa!


Na wo, onipa ba, nsuro wɔn, na nsuro wɔn nsɛm nso, na nsansono ne nkasɛɛ ne wo na ɛwɔ hɔ, na anyanyankyerɛ ho na woteɛ, nanso nsuro wɔn nsɛm, na mma w’akoma nntu wɔ wɔn anim; na wɔyɛ abusua atuatefoɔ.


Na obiara a ɔka deɛ watɔ nkrantɛ ano anaa efunu bi anaa onipa nnompe anaa ɛda bi wiram no, ne ho nte nnanson.


Ɔhunuu no anwea pradada asase so ne nkyɛkyerɛ so, ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios