Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 16:44 - New Revised Asante Twi Bible

44 Hwɛ, obiara a ɔbubu mmɛ no bɛbu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛdeɛ ɛna teɛ na ne ba teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

44 Hwɛ, obiara a ɔbubu mmɛ no bɛbu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛdeɛ ɛna teɛ na ne ba teɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

44 “ ‘Obiara a obu bɛ no bebu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛnea ɛna te no saa ara na ne babea te.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

44 “ ‘Obiara a ɔbu bɛ no bɛbu saa bɛ yi afa wo ho: “Sɛdeɛ ɛna teɛ no saa ara na ne babaa teɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

44 Hwɛ, obiara a obubu mmɛ no bebu wo ho bɛ yi sɛ: Sɛ ɛna te no, saa na ne ba te.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 16:44
12 Referencias Cruzadas  

Na wɔwiee yeinom no, mmapɔmma no baa me nkyɛn sɛ: Israel man ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ntee wɔn ho mfirii nsase so aman sɛ: Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Yebusifoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ, Misraimfoɔ ne Amorifoɔ akyiwadeɛ ho,


Sɛdeɛ tete bɛ no ka no “Abɔnefoɔ so na bɔne fire”, na me nsa deɛ, ɛrenka wo.


Wo ne wo na a ɔpo ne kunu ne ne mma no ba, na wo ne nuammaanom a wɔpo wɔn kununom ne wɔn mma no nuabaa; mo na yɛ Hetini, na mo agya yɛ Amorini.


na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn ka kyerɛ Yerusalem nie: W’ase ne w’awoɔ asase ne Kanafoɔ asase so, w’agya yɛ Amorini, na wo na yɛ Hetini.


Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no.


Na wɔpoo n’ahyɛdeɛ ne n’apam a ɔne wɔn agyanom pameeɛ ne n’adanseɛ a ɔdii wɔn no, na wɔkɔdii ahuhudeɛ akyi dii ahuhusɛm, na wɔkɔdii amanaman a wɔatwa wɔn ho ahyia a AWURADE hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnyɛ sɛ wɔn no akyi.


Na ɛhɔ na wɔhyee nnuhwam sorɔnsorɔmmea nyinaa, sɛ amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii wɔn anim no, na wɔdii nsɛmmɔne de huruu AWURADE bo.


Na ɛbaa sɛ Ahab tee sɛ Nabot awuo no, Ahab sɔree sɛ ɔresiane akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so.


Onipa ba, abebusɛm bɛn na mowɔ no Israel asase so sɛ: Nna no rekyɛ, na adehunu nyinaa reyera?


Ɛno nti, ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mɛma abebusɛm yi to atwa, na wɔremmu no Israel mu bio; na mmom kasa kyerɛ wɔn sɛ: Nna no ne adehunu nyinaa asɛm abɛn.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios