Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 16:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 na mede adwinneɛ hyɛɛ wo hwene mu, na mede asomuadeɛ hyehyɛɛ wo, na mede abotire fɛfɛ bɔɔ wo.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 na mede kaa hyɛɛ wo hwene mu, asokaa hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotiri a ɛyɛ fɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 na mede kawa hyɛɛ wo hwene mu, ɛnna mede asomuadeɛ hyɛɛ wʼasom na mebɔɔ wo abotire a ɛyɛ fɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 na mede dwinne mehyɛɛ wo hwene mu, na mede asomkaa mehyehyɛɛ wo, na mede abotiri fɛfɛ mebɔɔ wo.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 16:12
13 Referencias Cruzadas  

Na mebisaa no sɛ: Hwan ba ne wo? Na ɔse: M’agya ne Betuel a ɔyɛ Nahor ne Milka ba no. Na mede ɛhwenemkaa no mesɛnee ne hwenem, na mede nkapo no mehyehyɛɛ ne nsa,


Sɛdeɛ sika asomuadeɛ ne sika amapa ahyehyɛdeɛ teɛ no, saa na onimkafoɔ nyansafoɔ teɛ wɔ aso a ɛte asɛm soɔ.


W’afono yɛ fɛ, kona no mu, wo kɔn nso yɛ fɛ, kompuo no mu.


Sika nnwinneɛ kona na yɛbɛyɛ ama woɔ ne dwetɛ mprɛngo a ɛsisi soɔ.


Ɛda no na asafo AWURADE bɛyɛ animuonyam abotire ne ahoɔfɛ ahenkyɛ ama ne man nkaeɛ no,


aso mu nnwinneɛ, nkapo, animkata ntentan,


mpɛtea, hwene nnwinneɛ,


Se ɔhene ne ɔhemmaa no sɛ: Mommrɛ mo ho ase ntena ase, na mo animuonyam abotire afiri mo atifi atɔ.


Na w’ahoɔfɛ nti wo din trɛtrɛ kɔɔ amanaman mu, ɛfiri sɛ m’animuonyam a mede hyɛɛ woɔ no maa no wiee fɛyɛ, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na wofaa wo nnwinneɛ fɛfɛ no, me sika ne me dwetɛ a memaa woɔ no bi, na wode yɛɛ mmarima ahoni fae, na wode bɔɔ adwaman;


sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Yi abotire no, na tu ahemmotire no; nnoɔma nnkɔ so ara nyɛ saa ara daa. Ma deɛ abrɛ ase so, na brɛ deɛ ama ne ho soɔ no ase.


Na asafo yuu a wɔato wɔn ho mpan wɔ mu, na wɔde nsabofoɔ kaa nnipa dodoɔ no ho firi ɛserɛ so baeɛ, na wɔde nkapo hyehyɛɛ wɔn nsa, na wɔde abotire afɛfɛ bobɔɔ wɔn.


Na mɛba mabɛtwe no nna a ɔdi maa Baalim no ho aso, sɛ ɔhyee aduhwam maa wɔn, na ɔde ne hwene mu kaa ne ne nnwinneɛ kekaa ne ho, na ɔdii n’adɔfo akyi, na me deɛ, ne werɛ firii me no, AWURADE asɛm nie.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios