Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 16:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 na mede atadeɛ a wɔadi mu adwini hyɛɛ wo, na mede sukraman nwoma mpaboa hyɛɛ wo, na mede nwera pa kyekyeree wo, na mede serekye ntoma kataa wo ho;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Mede atade a wɔanwen ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa were mpaboa. Mede nwera papa furaa wo na mede ntade aboɔden guguu so.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Mede atadeɛ a wɔanwono ano hyɛɛ wo, na mehyɛɛ wo mmoa wedeɛ mpaboa. Mede nwera papa firaa wo na mede ntadeɛ aboɔden guguu so.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 na mede atade a wɔadi mu adwinni mehyɛɛ wo, na mede sukraman nhoma mpaboa mehyɛɛ wo, na mede nwera pa mekyekyeree wo, na mede sedaa mekataa wo ho;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 16:10
24 Referencias Cruzadas  

Na Farao yii nsɔanokaa firii ne nsa de hyɛɛ Yosef nsa, na ɔhyɛɛ no nwera pa atadeɛ, na ɔde sika atweaban too ne kɔn mu.


Wɔde anigyeɛ ne ahosan na ɛde wɔn reba, wɔkɔhyɛne ɔhene aban mu.


adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman nwoma ne okuo nnua;


Na fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntomadan no nkatasoɔ, na fa sukraman nwoma yɛ ɛno so nkatasoɔ.


Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano.


Na wɔmfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa nyɛ.


Wanwono mmommo afa, ne ntoma yɛ nwera pa ne beredum.


nhwehwɛ, nwera pa, mmotire ne nkatanimu.


AWURADE mu na me ho sɛpɛ me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurisie, ɛfiri sɛ ɔde nkwagyeɛ atadeɛ ahyɛ me, ɔde tenenee batakari asi me, sɛ ayeforɔkunu a ɔkeka ne ho bɔ n’abotire, ne ayeforɔ a ɔde ne nnwinneɛ hyehyɛ ne ho.


menhyehyɛ Sion abooboodifoɔ memma wɔnnɛnso nsi nso mu da ananmu, memma wɔn anika ngo nsi abooboo ananmu, memma wɔn ayeyie ntadeɛ nsi honhom a watɔ bera ananmu, na wɔmfrɛ wɔn tenenee nnua, AWURADE tɛ nnua a ɛhyɛ no animuonyam.


Na wɔde sika ne dwetɛ hyehyɛɛ wo ho, na wo ntadeɛ yɛ nwera pa ne serekye ne nkyeremu; esiam ne ɛwoɔ ne ngo na wodiiɛ, na wo ho yɛɛ fɛ pa ara, na wodii yie kɔduruu ahennie mu.


na wode wo nkyeremu ntadeɛ kataa wɔn ho, na wode me ngo ne m’aduhwam sisii wɔn anim.


Meyɛɛ wo dodoɔ pɛnhunuano sɛ wiram mfefɛeɛ, na wodɔre yɛɛ kɛseɛ, na w’ahoɔfɛ boroo so, wo mpokua bobɔe na wo nwi fui; nanso na woda adagya, nam kwaterekwa.


Na ɛpo so aberempɔn nyinaa refiri wɔn adwa so asianesiane, na wɔayiyi wɔn ngusoɔ, na wɔaworɔworɔ wɔn nkyeremu atadeɛ, na wɔafira ahopopoɔ atenatena fam, na wɔn ho apopo berɛ nyinaa mu, na wo nti wɔn ho adwiri wɔn.


Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.


nwera a wɔakyere mu a ɛfiri Misraim yɛ wo mframatoma a ɛyɛɛ wo frankaa; bibitoma ne ntoma a ɛberedum a ɛfiri Elisa mpoano mu yɛ wo nkatasoɔ;


Ɛnna agya no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Momfa atadeɛ a ɛyɛ no mmra mmɛhyɛ no, na momfa pɛtea nhyɛ ne nsa ne mpaboa nhyɛ ne nan;


Sika kɔkɔɔ, dwetɛ, aboɔden aboɔ, nhwene pa, nwera pa, ntoma afasebire, serekye ne nkrawoɔ adwadeɛ, nnua a ɛyɛ hwam nyinaa, ne asommɛn adwinneɛ nyinaa, adwinneɛ a wɔde nnua a ɛwɔ din, yaawa, dadeɛ, abohemmaa ayɛ nyinaa,


Na wɔde nwera pa a ɛhoa fitaa, a ɛho teɛ maa no sɛ ɔmfira. Na nwera pa no ne ahotefoɔ tenenee.


Na mehunuu kuro kronkron no, Yerusalem foforɔ, sɛ ɛfiri soro Nyankopɔn nkyɛn resiane, na wɔasiesie no sɛ ayeforɔ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios