Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 15:6 - New Revised Asante Twi Bible

6 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛdeɛ bobe dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu, a mede mema ogya ma no hyeɛ no, saa na mede Yerusalemfoɔ bɛma,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

6 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛdeɛ bobe dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu, a mede mema ogya ma no hyeɛ no, saa na mede Yerusalemfoɔ bɛma,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛnea mede bobe dua a ɛfra kwaennua ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɔkwan no ara so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no nso bɛfa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

6 “Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama sɛ wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

6 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛnea obobe dua te kwae mu nnua mu, a mede mema ogya ma ɛhyew no, saa na mede Yerusalemfo mɛma,

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 15:6
17 Referencias Cruzadas  

Nanso me nsɛm ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ me nkoa adiyifoɔ no no, anto mo agyanom anaa? Na wɔsanee na wɔkaa sɛ: Sɛdeɛ asafo AWURADE dwene sɛ ɔbɛyɛ yɛn sɛdeɛ yɛn akwan ne yɛn nneyɛɛ teɛ no, saa na ɔne yɛn adi no.


Onipa ba, ɛdeɛn na bobe dua de sene nnua nyinaa, bobe homa a ɛwɔ wira mu nnua mu no?


Yerusalem ne Yuda nkuro ne emu ahemfo ne emu asafohene, sɛ wɔnyɛ amamfo, ahodwirideɛ, fɛdie ne nnome sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ da yi:


Na ɛno akyiri no, AWURADE asɛm nie, mɛyi Yudahene Sedekia, ne ne nkoa, ne ɔman no ne nnipa a wɔaka kuro yi mu, a wɔafiri owuyadeɛ ne afena ne ɛkɔm mu no mahyɛ Babelhene Nebukadnessar nsa, ne wɔn atamfoɔ nsa, ne wɔn a wɔhwehwɛ wɔn kra no nsa, na wɔakunkum wɔn afena ano, ɔrenkame wɔn na ɔrente mma wɔn, na ɔrenhu wɔn mmɔbɔ.


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛhwie m’abufuo ne m’aboɔhyeɛ agu ɛha yi, nnipa ne mmoa, wira mu nnua ne asase so aba so, na adɛre a ɛrennum.


Gyata bi afiri ne dɔtɔ mu reba, na amanaman sɛefoɔ afiri adi; watu afiri ne tenabea reba, sɛ ɔrebɛyɛ w’asase no amamfo, na wo nkuro abobɔ a obi nte mu bio.


Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahye: Sɛ ogya ahye ano mmienu, na mfimfini ahye a, ɛfata adwuma bi yɛ anaa?


Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔamfa anyɛ hwee, na nkantom sɛ ogya ahye no dwɛɛ yi, na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa?


na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu.


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios