Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 15:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahye: Sɛ ogya ahye ano mmienu, na mfimfini ahye a, ɛfata adwuma bi yɛ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahye: Sɛ ogya ahye ano mmienu, na mfimfini ahye a, ɛfata adwuma bi yɛ anaa?

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ wɔde ne nnyina hyɛ ogya mu na eti ne ti hyew ma mfimfini yɛ nso a, so ba mfaso bi ana?

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Na sɛ wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini yɛ bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa?

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Hwɛ, wɔde gu ogya mu, na ahyew. Sɛ ogya ahyew ano abien, na mfinimfini ahyew a, so ɛfata adwuma bi yɛ anaa?

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 15:4
13 Referencias Cruzadas  

Wɔde ogya ahye no, wɔatwitwa no, w’anim ateatea nti wɔresɛe.


Na ɔhoɔdenfoɔ bɛyɛ sɛ asaawa futuro, na n’adwuma ayɛ sɛ ogya nturituriiɛ, na ne mmienu nyinaa abom ahye a obiara biara rennum.


Sɛ ne mmaboa no dwan a, wɔbubu, mmaa bɛpɛ kɔsɔ gya; na wɔyɛ ɔman a wɔnni nhunumu, enti wɔn yɛfoɔ no yam nhyehye no mma wɔn, na deɛ ɔnwonoo wɔn no nhu wɔn mmɔbɔ.


Wɔfa mu dua de yɛ adwuma bi, anaasɛ wɔfa mu bi yɛ pɛɛwa, sɛ wɔde adeɛ biara bɛsɛne soɔ?


Hwɛ, ɛda so di mu no, wɔamfa anyɛ hwee, na nkantom sɛ ogya ahye no dwɛɛ yi, na wɔde bɛyɛ biribi bio anaa?


Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛdeɛ bobe dua teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu, a mede mema ogya ma no hyeɛ no, saa na mede Yerusalemfoɔ bɛma,


Na ogya afiri ne mman mpoma bi mu ahye n’aba, na poma a ɛyɛ den a ɛbɛyɛ ahennie poma biara nni hɔ bio. Kwadwom nie, na abɛyɛ kwadwom.


Mebutuu mo mu binom sɛdeɛ mebutuu Sodom ne Gomora no, na moyɛɛ sɛ gyentia a wɔatu afiri ogya mu; nanso moansane amma me nkyɛn, AWURADE asɛm nie.


Na hwɛ, ɛda no reba a ɛbɛhye sɛ fononoo, na ahantanfoɔ nyinaa ne obiara a ɔdi abɔnefosɛm bɛyɛ nkyɛnkyɛmma, na ɛda a ɛreba no bɛhye wɔn, asafo AWURADE na ɔseɛ, na ɛrennya wɔn nhini anaa duban.


Ɔno na ne nhusoɔ apaawa kuta ne nsam, na ɔbɛpra aporoeɛ hɔ fitaa. Ɔbɛboaboa n’ayuo ano akɔgu san so, na ntɛtɛ no deɛ, ɔde ogya a ɛnnum da bɛhye.


Sɛ obi antena me mu a, wɔto no twene sɛ ban, na ɛwu; na wɔboaboa ano de kɔgu gya mu, na ɛhye.


Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ.


Na deɛ ɛfifiri nkasɛɛ ne hwerɛmo no, ɛmfra, na ɛbɛn nnuabɔ a n’awieeɛ ne ɔhyeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios