Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 14:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na mɛma m’ani asa onipa no, na mɛdwiri no ama no ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne akasabebuo, na matwa no afiri me man mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na mɛma m’ani asa onipa no, na mɛdwiri no ama no ayɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne akasabebuo, na matwa no afiri me man mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Metu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛso ne kasabebui. Meyi no afi me nkurɔfo mu. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Mɛtu mʼani asa onipa no na mede no ayɛ nhwɛsoɔ ne akasabɛbuo. Mɛyi no afiri me nkurɔfoɔ mu. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na mɛma m’ani asa onipa no, na medwiriw no ma wayɛ sɛnkyerɛnne ne akasabebui, na matwa no afi me man mu, na moahu sɛ mene AWURADE.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 14:8
25 Referencias Cruzadas  

AWURADE ani sa nnebɔneyɛfoɔ, sɛ ɔbɛhye wɔn ase, asase so.


Ateneneefoɔ su frɛ, na AWURADE tie, na ɔgye wɔn firi wɔn ahohia nyinaa mu.


Na wɔn a wahyira wɔn na ɛbɛtena asase so, na wɔn a wabɔ wɔn dua no, wɔbɛyi wɔn hɔ.


Na mobɛgya mo din de ayɛ ntanka ama wɔn a mayi wɔn, na AWURADE Nyankopɔn bɛku mo, na wato ne nkoa din foforɔ,


Na mede m’ani makari kuro yi sɛ bɔne na ɛmmra ne soɔ, na ɛnyɛ papa, AWURADE asɛm nie, wɔde bɛhyɛ Babel hene nsa na ɔde ogya ahye.


na mama wɔadwane wɔn ho ayɛ wɔn bɔne, asase so ahennie nyinaa mu, na wɔadanedane ahohora ne akasabebuo, ɛfene ne nnome baabiara a mɛsunsum wɔn akorɔ;


Na wɔmfa wɔn nyɛ nnome, Yuda atukɔfoɔ a wɔwɔ Babel no nyinaa anomu sɛ: AWURADE nyɛ wo sɛ Sedekia ne Ahab a Babel hene de ogya hyee wɔn no,


Enti sɛ asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede m’ani masa mo na asi mo bɔne, na Yuda nyinaa ase ahye.


morenhunu anisoadeɛ huhuo bio, na nkɔm nso morenhyɛ bio; na mɛyi me man afiri mo nsa mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


na mɛyi m’ani masa wɔn; wɔfiri ogya mu, na ogya ara na ɛbɛhye wɔn, na moahunu sɛ mene AWURADE, m’ani a meyi mesa wɔn no mu.


Na wɔbɛyɛ ahohora ne yea, asotwe ne ahodwire ama amanaman a wɔatwa wo ho ahyia no, ɛberɛ a mɛbu wo mu atɛn, abufuo ne anibereɛ ne anibereɛ animka mu no, me AWURADE na maka.


Na atɔfoɔ bɛhwehwe ase mo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Na obiara a ɔfiri Israel fie anaa ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ wɔn mu no mu a ɔdi mogya biara no, mɛma m’ani asa saa ɔkra a ɔdi mogya no, na matwa no afiri ne man mu atwene.


Ka kyerɛ wɔn sɛ: Mo awoɔ ntoatoasoɔ mu barima biara a ɔfiri mo asefoɔ nyinaa mu a ɔba akronkronneɛ a Israelfoɔ ayɛ no kronkron ama AWURADE na ne fi wɔ ne soɔ no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri m’anim atwene: Mene AWURADE.


Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane.


Nnebɔneyɛfoɔ yi a wɔayɛ wɔn kra ho bɔne nkukuwa no, na mommoro nyɛ abena atɛtrɛtɛ nkata afɔrebukyia no ho, ɛfiri sɛ wɔde baa AWURADE anim, na ayɛ kronkron, na ɛnyɛ nsɛnkyerɛnneɛ mma Israelfoɔ no.


Na onipa a ne ho nteɛ na wannwira ne ho no, wɔbɛtwa saa ɔkra no afiri ɔman asafo no mu, ɛfiri sɛ wagu AWURADE kronkronbea no ho fi; wɔampete ahodwira nsuo no angu ne so, enti ne ho nte.


na asase buee n’anomu menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwuiɛ, na ogya hyee mmarima ahanu aduonum no, na wɔbɛyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no.


Enti hwɛ Nyankopɔn ayamyɛ ne ne denyɛ! Ɔne wɔn a wɔahwehwe aseɛ no dii no dendeenden so, na wo deɛ, Onyankopɔn kyerɛɛ n’yamyɛ no wɔ wo so, nanso gye sɛ wotena saa ayamyɛ no mu ara; anyɛ saa a, wɔbɛtwa wo nso atwene.


Na yeinom nyinaa siiɛ, na ayɛ kɔkɔbɔ ama wɔn, na wɔatwerɛ no sɛ afotuo ama yɛn a wiase berɛ awieeɛ ato yɛn yi.


Na wobɛdane ahodwirideɛ ne kasabebuo ne ɛfene, aman a AWURADE de wo bɛkɔ soɔ no nyinaa mu.


Na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ, wo ne w’asefoɔ ho daa.


na sɛ ɔte nseɛ yi mu nsɛm no a, wanhyira ne ho n’akoma mu anka sɛ: Menam m’akoma denyɛ mu deɛ, nanso mɛnya asomdwoeɛ; na wɔansesa deɛ wanom ne deɛ sukɔm de no ammom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios