Nanso na Elisa te ne fie, na mpanimfoɔ no tete ne nkyɛn. Na ɔhene somaa onipa dii n’anim. Na ɔbɔfoɔ no nnya nnuruu ne nkyɛn no, ɔno ara ka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ moahunu sɛ owudini ba yi asoma sɛ wɔmmɛtwa me tire? Monhwɛ, sɛ ɔbɔfoɔ no ba a, monto pono mu, na mompia no nkɔ pono ano. Ɛnyɛ ne wura nan ase pim pim na ɛdi n’akyire yi?