Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 13:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Ɛfiri sɛ, aane ɛfiri sɛ wɔsisi me man ka sɛ: Asomdwoeɛ, na asomdwoeɛ nni hɔ, na ɔman no to fasuo bi, na hwɛ, wɔn deɛ, wɔde hyire sra ho nti,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Ɛfiri sɛ, aane ɛfiri sɛ wɔsisi me man ka sɛ: Asomdwoeɛ, na asomdwoeɛ nni hɔ, na ɔman no to fasuo bi, na hwɛ, wɔn deɛ, wɔde hyire sra ho nti,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfo ayera kwan, na wɔka se ‘Asomdwoe,’ wɔ bere a asomdwoe nni hɔ, na afei sɛ wɔto ɔfasu a enni ahoɔden bi a na wɔde akaadoo afa so,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 “Esiane sɛ wɔama me nkurɔfoɔ ayera ɛkwan, na wɔka sɛ ‘Asomdwoeɛ’, wɔ ɛberɛ a asomdwoeɛ nni hɔ, na afei, sɛ wɔto ɔfasuo a ɛnni ahoɔden bi a wɔde akaadoo afa so enti,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Efisɛ esiane sɛ wosisi me man ka sɛ: Asomdwoe, nanso asomdwoe nni hɔ, na ɔman no to fasu bi, na hwɛ, wɔn de, wɔde hyirew sra ho nti,

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 13:10
27 Referencias Cruzadas  

Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no.


Na ɔbɔfoɔ a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, adiyifoɔ no nsɛm yɛ koro, na ɛyɛ ma ɔhene, na ma w’asɛm nyɛ sɛ wɔn mu baako asɛm, na ka asɛmpa.


Ɔteneneeni kyerɛ ne yɔnko kwan, na abɔnefoɔ kwan ma wɔfom.


Wɔka kyerɛ adehunufoɔ sɛ: Monnhunu adeɛ! Na wɔka kyerɛ adiyifoɔ nso sɛ: Monnhyɛ yɛn deɛ ɛtene ho nkɔm! Monka adɛfɛdɛfɛsɛm nkyerɛ yɛn, na monka nnaadaasɛm!


Asomdwoeɛ nni hɔ mma abɔnefoɔ, me Nyankopɔn na ɔseɛ.


Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, hwɛ, adiyifoɔ no ka kyerɛ wɔn sɛ: Morenhunu afena, na ɛkɔm remma mo so, na nokorɛ asomdwoeɛ na mede bɛma mo ɛha yi.


Ka na wɔka kyerɛ wɔn a wɔpo me no sɛ: AWURADE se: Asomdwoeɛ bɛba ama mo. Na obiara nante n’akoma denyɛ mu a, wɔse: Bɔne biara remma mo so.


Hwɛ, me ne adiyifoɔ a wɔsoso atorɔ adaeɛ no anya, AWURADE asɛm nie; wɔn deɛ, wɔkeka adaeɛ no, na wɔde wɔn atorosɛm ne wɔn adwenharesɛm daadaa me man no, nanso mensomaa wɔn, na menhyɛɛ wɔn, na wɔn ho remma ɔman yi mfasoɔ biara, AWURADE asɛm nie.


Odiyifoɔ a ɔhyɛ asomdwoeɛ ho nkɔm no, sɛ odiyifoɔ no asɛm nya ba mu a, ɛno na wɔhunu odiyifoɔ a AWURADE somaa no nokorɛ mu.


Na mese: Ao, AWURADE Nyankopɔn, ampa ara woadi ɔman yi ne Yerusalem hwammɔ sɛ woka sɛ: Asomdwoeɛ bɛba ama mo, nanso afena da mene mu!


Adiyifoɔ hyɛ nkɔntorɔ, na asɔfoɔ nam wɔn pɛ so di wɔn koko so asɛm; me man nso pɛ no saa, nanso n’awieeɛ no mobɛyɛ no dɛn?


Me man adane nnwan a wɔayera, wɔn ahwɛfoɔ ama wɔafomfom kwan adanedane kɔ mmepɔ so; wɔafiri bepɔ so kɔ kokoɔ so, wɔn werɛ afiri wɔn daberɛ.


Na wɔasa me man kuro adwenhare so aka sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ.


Na wɔsaa me man kuro adwenhare so sɛ: Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ! Nso asomdwoeɛ nni hɔ.


Yɛhwɛɛ asomdwoeɛ kwan, nso biribi pa biara amma, ne ɔyaresa berɛ nso, na hwɛ, akomatuo nko.


Israel adiyifoɔ a wɔkaa Yerusalem ho adiyisɛm, sɛ wɔhunuu asomdwoeɛ adeɛ maa no, nanso asomdwoeɛ biara nni hɔ no, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Na n’adiyifoɔ sra hyire ma wɔn, wɔhunu adehuhuo na wɔhyɛ wɔn nkɔntorɔ; wɔka sɛ: Sei na AWURADE seɛ, nanso na AWURADE nkasae.


Ɔsɛeɛ reba; na wɔhwehwɛ asomdwoeɛ, nso ebi nni hɔ.


Asotwe nna no anya aba, aweretɔ nna no anya adu; Israel bɛhunu sɛ odiyifoɔ no yɛ ogyimifoɔ, na honhom nipa no yɛ ɔbɔdamfoɔ, amumuyɛ dodoɔ ne ɔtane a ɛso pii no nti.


Sɛ ɔbarima a ɔnam keka ahuhusɛm na ɔdaadaa di atorɔ ka sɛ: Mɛka wo bobesa ne nsaden ho adiyisɛm, a, ɔno na ɔbɛyɛ ɔman yi adiyisɛnkafoɔ!


Na afei yɛn deɛ, yɛbu ahantanfoɔ ahotɔfoɔ; wɔn a wɔdi abɔnefosɛm no, wɔn ase atim, nso wɔsɔ Onyankopɔn hwɛ, na wɔfiri mu fi nso.


Na berɛ a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoeɛ ne ahotɔ no, ɛnneɛ mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wɔn soɔ sɛ awoko ba ɔbaa a ɔnyem soɔ, na wɔrennya kwan nnwane.


Na honhom no ka no pefee sɛ nna a ɛdi akyire no mu, ebinom bɛfam nnaadaa ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ ho atwe wɔn ho afiri gyidie no ho,


Na nnipa bɔne asisifoɔ bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa na wɔdaadaa wɔn.


Deɛ matwerɛ mabrɛ mo yi fa wɔn a wɔdaadaa mo no ho.


Nanso mewɔ wo ho asɛm, sɛ woma ɔbaa Isebel a ɔfrɛ ne ho sɛ odiyifoɔ no kwan sɛ ɔnkyerɛkyerɛ na ɔnnaadaa me nkoa na wɔmmɔ adwaman na wɔnni nam a wɔakum ama abosom.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios