Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 11:21 - New Revised Asante Twi Bible

21 Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

21 Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso wɔn a wɔde wɔn koma ama nsɛsode atantan ne ahoni a ɛyɛ akyiwade no de, mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ti so, sɛɛ na Otumfo Awurade se.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

21 Nanso wɔn a wɔde wɔn akoma ama nsɛsodeɛ tantane ne ahoni a ɛyɛ akyiwadeɛ no deɛ, mɛma deɛ wɔayɛ no abɔ wɔn tiri so, sei na Otumfoɔ Awurade seɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

21 Na wɔn a wɔn koma di wɔn atantanne ne wɔn akyide akyi no, mede wɔn kwan mebua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 11:21
23 Referencias Cruzadas  

Aberanteɛ, ma w’ani nnye wo mmɔfraase, na nya akoma pa wo mmeranteberɛ mu, na fa w’akoma akwan so ne deɛ w’ani hunu mu, nso hunu sɛ yeinom nyinaa nti na Onyankopɔn de wo bɛkɔ atemmuo mu.


Na mabu wɔn wɔn bɔne nyinaa ho atɛn, sɛ wɔagya me, na wɔahye aduhwam ama anyame foforɔ, na wɔakoto asɔre wɔn nsa ano nnwuma.


Ɛnneɛ ka kyerɛ wɔn sɛ: Ɛsiane sɛ mo agyanom agya me, AWURADE asɛm nie, na wɔakɔdi anyame foforɔ akyi asom wɔn asɔre wɔn, na me deɛ, wɔagya me, na me mmara nso, wɔanni so,


Na mɛtua wɔn amumuyɛ ne wɔn bɔne so ka mmɔho, sɛ wɔagu m’asase ho fi, wɔde wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ afunu ahyɛ m’agyapadeɛ no ma.


Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nnaadaa sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na ɔbɛnya mu ahunuyɛ?


Na mefiri teteete na mebubuu wo kɔnnua tetee wo nkyehoma mu, na wokaa sɛ: Merensom! Ɛfiri sɛ nkokoɔ a ɛkorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase na woda bɔ adwaman.


na wɔbɛba hɔ abɛyi emu atantanneɛ nyinaa ne emu akyiwadeɛ nyinaa afiri mu akɔ.


Onipa ba, mmarima yi de wɔn abosonhunu ahyɛ wɔn akomam, na wɔde wɔn amumuyɛ suntidua asisi wɔn anim. Memma wommisa me hɔ biribi mma wɔn?


Ɛsiane sɛ wonkaee wo mmabaaberɛ mu nna no, na wode yeinom ha me nti, na me nso, hwɛ, mede w’abrabɔ bua w’atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na mammɔ w’akyiwadeɛ nyinaa so mmusuo.


ɛsiane sɛ, wɔpoo m’atemmudeɛ na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔguu me home nna ho fi nti; na na wɔn abosonhuhuo no akyi na wɔn akoma die.


na mode mo ayɛyɛdeɛ ba, na moma mo mma fa ogya mu yi, mogu mo ho fi mo abosonhuhuo nyinaa fam de bɛsi nnɛ yi, na me na wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo anaa? Israel fie! Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo.


Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


Afei awieeɛ reba wo so, na mɛsoma m’abufuo aba wo so, na mabu wo w’akwan ho ntɛn, na mede w’akyiwadeɛ nyinaa bɛba wo so.


Na m’ani renni wo ho adɔna, na merenhunu wo mmɔbɔ, na w’akwan na mɛma no aba wo soɔ, na w’akyiwadeɛ atena wo mu, na moahunu sɛ mene AWURADE.


Afei ɛrenkyɛre na mahwie m’abufuhyeɛ agu wo so, na mawie m’abufuo wo mu, na mabu wo w’akwan ho atɛn, na mɛtea wo wɔ w’akyiwadeɛ nyinaa ho.


Enti me nso m’ani renni ho adɔna, na merenhunu mmɔbɔ; mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi.


Na deɛ ɔtene no firi gyidie mu bɛnya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no.


Yeinom ne wɔn a wɔde mpaepaemu ba, honam akyiridifoɔ a wɔnni Honhom no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios