Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 11:16 - New Revised Asante Twi Bible

16 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

16 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn petee nsase so deɛ, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsase a wɔakɔ soɔ no so.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

16 “Ɛno nti ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so de, nanso bere tiaa bi mu no meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ so no so.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

16 “Ɛno enti ka sɛ, ‘Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛwom sɛ mede wɔn kɔɔ akyirikyiri wɔ amanaman mu, hwetee wɔn guu nsase so deɛ, nanso berɛ tiawa bi mu no, meyɛɛ wɔn kronkronbea wɔ nsase a na wɔwɔ soɔ no so.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

16 Ɛno nti ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ɛwom sɛ mede wɔn mekɔɔ akyirikyiri, amanaman mu, na mebɔɔ wɔn mepetee nsaase so de, nanso mayɛ wɔn kronkronbea kakra, nsaase a wɔakɔ so no so.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 11:16
22 Referencias Cruzadas  

Wode w’anim bɔ wɔn ho ban de wɔn hunta firi nnipa a wɔabɔ kyenku anim, wode wɔn sie ɔsese mu firi tɛkyerɛma birebire ho.


Wode yɛn maa sɛ nnwan a wɔdie, na woabɔ yɛn ahwete amanaman mu.


AWURADE, wo na woayɛ yɛn dwanekɔbea, awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Deɛ ɔte ɔsorosoroni no huntabea, mekyerɛ deɛ ɔtena Otumfoɔ no nwunu ase no


Aban denden ne AWURADE din, ɛno mu na ɔteneneeni dwane korɔ, na wɔkora no.


Na AWURADE bɛyɛ mununkum ne wisie awia, ne ogyaframa hyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyinaa ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ so, na akatamansoɔ akata animuonyam no nyinaa so;


Na ɔbɛyɛ kronkronbea, nso ɔbɛyɛ suntiboɔ ne ɔwatiri botan ama Israel afie mmienu no nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn nyinaa, na wayɛ kantankoraa ne fidie ama wɔn a wɔte Yerusalem no.


Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ no ka kyerɛɛ mmapɔmma ne ɔman no nyinaa sɛ: Wɔmmu ɔbarima yi kumfɔ, ɛfiri sɛ wahyɛ kuro yi ho nkɔm sɛdeɛ mo aso teeɛ no.


Na asɔfoɔ ne adiyifoɔ ne ɔman no nyinaa tee sɛ Yeremia reka nsɛm yi AWURADE fie.


Na me deɛ, menim adwene ko a meredwene mo ho, AWURADE asɛm nie, asomdwoeɛ adwene, na ɛnyɛ bɔne deɛ, sɛ merema mo awieeɛ pa ne anidasoɔ.


Na monhwehwɛ kuro a memaa wɔtuu mo kɔɔ hɔ no yiedie, na mommɔ AWURADE mpaeɛ mma no; na ne yiedie mu na mobɛdi yie.


Na medi w’akyiri sɛ mɛgye wo nkwa, AWURADE asɛm nie; na mɛma amanaman a mabɔ wo apete hɔ no nyinaa awie sa, nso wo deɛ, meremma wonwie sa, na mɛtwe w’aso atenetene so, na bem deɛ meremma wonni.


Montie AWURADE asɛm, O amanaman, na monka no akyirikyiri nsuano aman so sɛ: Deɛ ɔbɔɔ Israel peteeɛ no reboa wɔn ano, na wahwɛ wɔn sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ hwɛ ne nnwan.


Monnsuro Babel hene a mosuro no yi, monnsuro no, AWURADE asɛm nie, na me na medi mo akyiri sɛ mɛgye mo nkwa na mayi mo afiri ne nsam;


Nso mekaa wɔn ntam ɛserɛ no so, sɛ mɛbɔ wɔn apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so,


Nanso yeinom nyinaa akyiri no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfoɔ asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwunu na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so: Na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.


Huu, huu! Monnwane mfiri atifi fam asase so, AWURADE na ɔseɛ, na matrɛ mo mu sɛ ɔsoro mframa nnan no, AWURADE asɛm nie.


Na AWURADE bɛpansam mo agu amanaman mu, na ɛbɛka mo mu kakraa bi wɔ wiase aman a AWURADE de mo bɛkɔ hɔ no mu;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios