Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 11:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 na moahunu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛdeɛ soɔ, na moanyɛ m’atemmudeɛ, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmudeɛ so na modiiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Na mubehu sɛ mene Awurade no, efisɛ moanni mʼahyɛde so, moapo me mmara na nea aman a atwa mo ho ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Na mobɛhunu sɛ mene Awurade no, ɛfiri sɛ, moanni mʼahyɛdeɛ so, moapo me mmara, na deɛ aman a atwa mo ahyia no yɛ no na mo nso moyɛ.”

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 na moahu sɛ mene AWURADE a moanni m’ahyɛde so na moanyɛ m’atemmude, na amanaman a wɔatwa mo ho ahyia no atemmude so na mudii.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 11:12
35 Referencias Cruzadas  

ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔsɔre Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Amon mma nyame Milkom, na wɔannante m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ sɛ n’agya Dawid.


Na ɔfaa Israel ahemfo kwan so, na ne ba mpo ɔde no bɔɔ afɔdeɛ sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israel mma anim no akyiwadeɛ a na wɔyɛ.


ɛfiri sɛ wɔantie AWURADE wɔn Nyankopɔn, na wɔtoo n’apam ne deɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no nyinaa, na wɔantie na wɔanyɛ.


Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ.


na ɔgyaa AWURADE n’agyanom Nyankopɔn, na wannante AWURADE kwan mu.


Nanso wɔantie, na Manase de wɔn yerae maa wɔyɛɛ bɔne sene amanaman a AWURADE sɛee wɔn firii Israel soɔ no.


Montutuu AWURADE asɔfoɔ, Aaron mma no ne Lewifoɔ no na monyɛɛ asɔfoɔ mfaeɛ sɛ nsase so aman no? Obiara a ɔde nantwinini ba, anaa adwennini nson ba sɛ ɔrebɛdwira ne ho no bɛyɛ ɔsɔfoɔ ma deɛ ɛnyɛ anyame.


Na ɔhyee aduhwam Hinom ba bonhwa no mu, na ɔhyee ne mma wɔ ogya mu, sɛdeɛ akyiwadeɛ a amanaman a AWURADE tutuu wɔn firii Israelfoɔ anim no yɛeɛ no teɛ no.


Nso asɔfoɔ no mu mpanimfoɔ nyinaa ne ɔman no maa wɔn mmarato dɔɔso pii sɛ wiase amanaman akyiwadeɛ nyinaa, na wɔguu AWURADE fie a wayɛ no kronkron Yerusalem no ho fi.


Ɛfiri yɛn agyanom berɛ soɔ no, asodie kɛseɛ mu na yɛwɔ ara de abɛduru nnɛ yi, na yɛn amumuyɛ no nti wɔayi yɛn, yɛn ahemfo ne yɛn asɔfoɔ ahyɛ nsase so ahemfo nsa wɔ afena, nnommumfa, ɔfomfa ne animguaseɛ mu, sɛdeɛ ɛte nnɛ yi.


Nanso wotene wɔ deɛ ɛbaa yɛn soɔ no nyinaa mu, na woadi nokorɛ; na yɛn na yɛdi fɔ.


Yɛn ahemfo, yɛn mmapɔmma, yɛn asɔfoɔ ne yɛn agyanom anni wo mmara so, nanso wɔantie wo mmara nsɛm ne wo adanseɛ a wodii wɔn no.


Wɔanni Nyankopɔn apam so, na ne mmara nso, wɔampɛ sɛ wɔnante mu.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monnsua amanaman kwan, na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ, na amanaman na ɛsuro wɔn.


Sɛ AWURADE seɛ nie: Monkɔgyina akwan so na monhwɛ, na mommisa tete atempɔn no, deɛ ɔkwan pa no wɔ, na momfa so, na monnya home mma mo kra. Nanso wɔse: Yɛremfa so.


Na wɔn a wɔn akoma di wɔn atantanneɛ ne wɔn akyiwadeɛ akyire no deɛ, mede wɔn kwan bɛbua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


na ɔmmɔ bosea na ɔnnye nsiho, na ɔtwe ne nsa firi abusudeɛ ho, na ɔbu onipa ne onipa ntam atɛntenenee,


na ɔnam m’ahyɛdeɛ mu, na ɔdi m’atemmudeɛ so di nokwasɛm a, ɔno na ɔteneneeni ne no; nkwa na ɔbɛnya, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.


ɛsiane sɛ, wɔpoo m’atemmudeɛ na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu, na wɔguu me home nna ho fi nti; na na wɔn abosonhuhuo no akyi na wɔn akoma die.


Na mma no nso tee me so atua, wɔannante m’ahyɛdeɛ no mu, na wɔanni m’atemmudeɛ so anyɛ deɛ onipa yɛ a, ɔbɛnya mu nkwa no; me home nna nso, wɔguu ho fi. Ɛnna mese: Merehwie m’anibereɛ agu wɔn so, na mawie m’abufuo wɔn mu ɛserɛ no so.


ɛsiane sɛ wɔanyɛ m’atemmudeɛ na wɔapo m’ahyɛdeɛ, na wɔagu me home nna ho fi, na wɔn ani di wɔn agyanom abosonhuhuo akyiri nti.


Na ɔte m’atemmudeɛ atua di abɔnefosɛm sene amanaman no, ne m’ahyɛdeɛ nso, sene nsase a atwa ne ho ahyia no; na wɔapo m’atemmudeɛ, na wɔannante m’ahyɛdeɛ mu:


Ɛnna mehyɛnee mu mekɔhwɛeɛ, na hwɛ, mmoa a wɔwea ne mmoa ahodoɔ a wɔkyire nyinaa ne Israel fie abosom ahoni nyinaa na wɔakurukyire wɔ wɔn ɔfasuo no ho ahyia yi.


Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie ponkɛseɛ a ɛkyerɛ atifi fam no ano, na hwɛ, ɛhɔ na na mmaa teteɛ resu Tamus.


Ɛnna ɔde me baa AWURADE fie mu fam abannwa soɔ, na hwɛ, AWURADE asɔredan ano, ntwonoo ne afɔrebukyia no ntam no, mmarima aduonu nnum a wɔn akyiri kyerɛ AWURADE asɔredan na wɔn anim kyerɛ apueeɛ resɔre owia nie.


na yɛantie AWURADE yɛn Nyankopɔn, sɛ yɛbɛnante ne mmara a ɔnam ne nkoa adiyifoɔ no so de sii yɛn anim no mu.


Misraim asase a motenaa soɔ no so nneyɛɛ deɛ, monnyɛ. Na Kanaan asase a mede mo rekɔ soɔ no so nneyɛɛ nso, monnyɛ, na monnni wɔn ahyɛdeɛ so.


Ɛno na wɔbɛka wɔn amumuyɛ ne wɔn agyanom amumuyɛ no; — sɛ, nkontompo a wɔtwaa me ne asie a wɔne me diiɛ nti,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios