Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 10:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na wɔn anim nsɛsoɔ ne anim a mehunuu no Asuo Kebar ho no yɛ pɛ. Wɔn nyinaa nante kɔ wɔn anim tee.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na wɔn anim nsɛsoɔ ne anim a mehunuu no Asuo Kebar ho no yɛ pɛ. Wɔn nyinaa nante kɔ wɔn anim tee.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Wɔn nyinaa anim te sɛ nea na mahu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Wɔn nyinaa animu te sɛ deɛ na mahunu wɔ Asubɔnten Kebar ho no. Wɔn mu biara kɔ nʼanim tee.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na wɔn anim sɛso ne anim a mihui, asu Kebar ho no, wɔn su ne wɔn ban nyinaa; wɔn nyinaa nantew kɔ wɔn anim tee.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 10:22
9 Referencias Cruzadas  

Na afe a ɛtɔ so aduasa, bosome a ɛtɔ so nnan, da a ɛtɔ so nnum no, berɛ a na mewɔ atukɔfoɔ no mu, Asuo Kebar ho no, ɔsoro bueeɛ, na mehunuu Nyankopɔn hɔ anisoadehunu.


Na sɛ wɔn anim suban no teɛ nie: Wɔn baanan mu biara wɔ onipa anim wɔ anim; wɔn baanan no wɔ gyata anim wɔ nifa; wɔn baanan no wɔ nantwie anim wɔ benkum; na wɔn baanan no wɔ kɔdeɛ anim wɔ wɔn akyi.


Na wɔn nyinaa nenam kɔ wɔn anim tee, deɛ honhom no rekorɔ hɔ na wɔkorɔ, wɔn nanteɛ mu wɔnnanedane wɔn ho.


Wɔn ntaban no toatoa mu; wɔnnanedane wɔn ho wɔn nanteɛ mu; wɔn nyinaa kɔ anim tee.


Ɛnante a, ɛnam n’afanan so, ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu, na deɛ etire no hwɛ no, ɛdi akyire saa; ɛnnanedane wɔ ne nanteɛ mu.


Obiara wɔ anim nnan nnan, na obiara wɔ ntaban nnan nnan, na onipa nsa nsɛsoɔ wowɔ wɔn ntaban no ase.


Na honhom no maa me so de me kɔɔ AWURADE fie no apueeɛ fam ponkɛseɛ a ɛkyerɛ apueeɛ no ano; na hwɛ, na mmarima aduonu nnum gyina ɔponkɛseɛ no ano, na mehunuu Asur ba Yaasania ne Benaia ba Pelatia, ɔman no mu mmapɔmma no, wɔ wɔn mu.


Na adeɛ a mehunuiɛ no su te sɛ adeɛ a mehunuiɛ berɛ a ɔba bɛsɛee kuro no; na ɛyɛ anisoadehunu a ɛte sɛ adeɛ a mehunuu no Asuo Kebar ho no; na mede m’anim butuu fam.


Hwan ne onyansafoɔ a ɔbɛhunu yeinom mu, nhunumufoɔ a ɔbɛhunu ɛno? Na AWURADE akwan yɛ tee, na ateneneefoɔ bɛnante so, na mmaratofoɔ deɛ wɔbɛhwehwe so ase.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios