Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 10:12 - New Revised Asante Twi Bible

12 Na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimiiɛ no, ani ayeyɛ ɛho ma ma atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimiiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

12 Na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimiiɛ no, ani ayeyɛ ɛho ma ma atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimiiɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

12 Aniwa tuatua wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban ho nyinaa. Saa ara na nkyimii anan no nso te.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

12 Wɔn ho nyinaa, wɔn akyi, wɔn nsa ne wɔn ntaban nyinaa, aniwa tuatua ho. Saa ara na ntwahonan ɛnan no nso teɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

12 na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimii no, aniwa ayeyɛ ɛho amaama atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimii.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 10:12
4 Referencias Cruzadas  

Wɔn hankra korɔn ma no yɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankra no ho amaama atwa nnan no nyinaa ho ahyia.


Nkyimiiɛ no, m’aso mu na wɔtoo no din sɛ: Kyinhyia nkyimiiɛ.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios