Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 1:27 - New Revised Asante Twi Bible

27 Na mehunui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya a emu fam hyia, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de rekɔ soro, nanso ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de reba fam no, mehunui na ɛte sɛ ogya, na ɛhran twa ho hyia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

27 Na mehunui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya a emu fam hyia, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de rekɔ soro, nanso ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asenem de reba fam no, mehunui na ɛte sɛ ogya, na ɛhran twa ho hyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

27 Mihuu sɛ efi nea ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne soro no na ɔte sɛ dade a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na efi hɔ reba ne fam no na ɔte sɛ ogyaframa; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

27 Mehunuu sɛ, ɛfiri deɛ ayɛ sɛ nʼasene mu rekɔ ne soro no, na ɔte sɛ dadeɛ a adɔ kɔɔ sɛ ogya a ano asɔ, na ɛfiri hɔ reba ne fam no, na ɔte sɛ egyadɛreɛ; na hann a ɛhyerɛn atwa ne ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

27 Na mihui, na ɛte sɛ sika ne dwetɛ mfrafrae a adɔ ahoa ani, ɛte sɛ ogya emu fam hyia, efi nea ɛte sɛ n’asen so de rekɔ soro, nanso efi nea ɛte sɛ n’asen so de reba fam no, mihui na ɛte sɛ ogya, na ɛharan twa ho hyia;

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 1:27
11 Referencias Cruzadas  

Anidie ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea.


Yɛn Nyankopɔn bɛba, na ɔrenyɛ komm. Ogya di n’anim rehye adeɛ, na ahum atu huu atwa ne ho ahyia.


Mununkum ne sum atwa ne ho ahyia, tenenee ne atemmuo ne n’ahennwa nnyinasoɔ.


Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim.


Na mehwɛe, na hwɛ, ahum bi tu firi atifi fam bae, mununkum kɛseɛ ne ogya a ɛtoatoam, na ɔharan atwa ho ahyia. Na biribi te sɛ sika ne dwetɛ mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani firi ogya no mfimfini baeɛ.


Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani.


Ne hyerɛn te sɛ owia hann, nsesaeɛ wowɔ ne ho, na ɛhɔ ne n’ahoɔden ahuntaeɛ.


Na AWURADE wo Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ, Onyankopɔn ninkufoɔ.


na watɔ wɔn a wɔnnim Onyankopɔn, na wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no so were.


Ɛfiri sɛ yɛn Nyankopɔn yɛ ogya a ɛhyeɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios