Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 1:26 - New Revised Asante Twi Bible

26 Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

26 Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

26 Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmo ahengua wɔ ntrɛwmu a ɛkata ateasefo no atifi no so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahengua so wɔ ɔsoro hɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

26 Na biribi a ɛte sɛ aboɔdemmoɔ ahennwa wɔ ntrɛmu a ɛkata ateasefoɔ no atifi so, na biribi a ɛte sɛ onipa te ahennwa so wɔ soro hɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

26 Na ntrɛwmu a ɛwɔ wɔn atifi no so no te sɛ hoabo ahengua sɛso, na ahengua no sɛso so na obi a ɔte sɛ onipa sɛso te wɔ soro.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 1:26
34 Referencias Cruzadas  

Ɛnna ɔkaa sɛ: Enti tie AWURADE asɛm: Mahunu AWURADE sɛ ɔte n’adwa soɔ, na ɔsoro asafo nyinaa gyinagyina ne ho, ne nifa ne ne benkum.


Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daa daa, w’ahennie poma yɛ tenenee poma.


Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


O mmɔborɔni a ahum bɔɔ woɔ a wɔnkyekyeree wo werɛ, hwɛ, me ara mede w’aboɔ bɛtoto anintɔnka adubire mu, na mede hoa aboɔ mato wo fapem,


Afe a Ɔhene Usia wuiɛ no, mehunuu AWURADE sɛ ɔte ahennwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’atadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie ma.


Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.


Na emu na abɔdeɛ ateasefoɔ baanan nsɛsoɔ bi firi pueeɛ, na sɛdeɛ wɔn su teɛ nie: Wɔwɔ onipa suban;


Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.


Na metee sɛ obi firi efie no mu ne me rekasa, na ɔbarima bi gyina me nkyɛn.


Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, m’ahennwa sibea ne m’anammɔn agyinaeɛ a mɛtena hɔ, Israelfoɔ mu akɔsi daa nie. Na Israel fie rengu me din kronkron ho fi bio, sɛdeɛ wɔn ne wɔn ahemfo de wɔn adwamammɔ ne wɔn ahemfo afunu yɛeɛ no, wɔn sorɔnsorɔmmea so,


Na mehwɛe, na hwɛ, onipa suban bi a ɛte sɛ ogya nie, ɛfiri deɛ ɛte sɛ n’asene mu de rekɔ fam yɛ ogya, na ɛfiri n’asene mu de rekɔ soro no te sɛ ɔhyerɛn, ɛte sɛ kɔbere mfrafraeɛ a adɔ ahoa ani.


Na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ sane bɛkaa me bio, na ɔhyɛɛ me den;


Na ɔno na wɔde tumi ne animuonyam ne ahennie maa no maa aman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa som no; ne tumi yɛ daa tumi a ɛrentwam da, na n’ahennie yɛ deɛ ɛrensɛe da.


Ɔno ara na ɔbɛsi AWURADE asɔredan, na ɔno ara na ɔbɛsoa animuonyam, na watena n’adwa so adi hene, na wadi sɔfoɔ n’adwa so, na asomdwoeɛ agyinatuo bɛtena wɔn baanu no ntam.


Enti monwɛn, na monnim da anaa dɔn ko no, (a Onipa Ba no reba.)


Na Yesu ba bɛkasa kyerɛɛ wɔn sɛ: Wɔde ɔsoro ne asase so tumi nyinaa ama me.


na ɔba no ho deɛ, ɔse: Onyankopɔn, w’ahennwa wɔ hɔ daapem daapem, w’ahennie poma yɛ poma a ɛtene.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


Na nsɛm a yɛreka yi mu titire nie: Yɛwɔ saa ɔsɔfo panin a wakɔtena tumi kɛseɛ ahennwa no nifa, ɔsoro


Na Yosua wɔ Yeriko ho no, ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi gyina ne ntentensoɔ kura nkrantɛ a watwe. Na Yosua kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: Wowɔ yɛn afa anaa yɛn atamfoɔ afa?


Ɔno na ɔkɔɔ ɔsoro no, ɔte Nyankopɔn nifa, na abɔfoɔ ne wɔn a wɔwɔ ahoɔden ne tumi mu no abrɛ wɔn ho ase ama no.


na nkaneadua no mfimfini no, mehunuu obi a ɔte sɛ onipa ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu, na ɔde sika abɔsoɔ abɔ ne koko so.


Na mehunui, na hwɛ, omununkum fitaa, na obi a ɔte sɛ onipa ba te mununkum no so, na ɔbɔ sika abotire na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi.


Na mehunuu ahennwa fitaa kokuroo ne deɛ ɔte soɔ a asase ne ɔsoro dwane firii n’anim; na wɔannya baabi amma wɔn.


Deɛ ɔdi nkonim no, mɛma ɔne me atena m’ahennwa so, sɛdeɛ me nso madi nkonim na me ne m’Agya te n’ahennwa soɔ no.


Na abɔdeɛ a ɛwɔ soro ne asase soɔ ne asase ase ne ɛpo so ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, metee sɛ wɔse: Nhyira ne anidie ne animuonyam ne tumi nka deɛ ɔte ahennwa no soɔ, ne adwammaa no daa daa!


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios