Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 1:22 - New Revised Asante Twi Bible

22 Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

22 Na biribi wɔ abɔdeɛ ateasefoɔ no atifi te sɛ ntrɛmu a ɛte sɛ ahwehwɛboɔ a ɛyɛ nwanwa ani a wɔatrɛ mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

22 Na ntrɛwmu bi wɔ ateasefo no atifi a etwa yerɛw yerɛw te sɛ sukyerɛmma, na ɛyɛ hu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

22 Na ntrɛmu bi wɔ ateasefoɔ no atifi a ɛpa yerɛyerɛ te sɛ nsukyeneeɛ, na ɛyɛ nwanwa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

22 Na biribi wɔ ateasefo no atifi te sɛ ntrɛwmu a ɛte sɛ ahwehwɛbo a ɛyɛ nwonwa ani a wɔatrɛw mu akatakata wɔn atifi wɔ soro.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 1:22
9 Referencias Cruzadas  

Atifi fam asase so na sika firi ba, Nyankopɔn ho na animuonyam a ɛyɛ hu wɔ.


Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara.


Na ɛnne firi ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no so; wɔgyina a, wɔgyaagyaa wɔn ntaban mu.


Na ntrɛmu a ɛwɔ wɔn atifi no soɔ no te sɛ hoaboɔ ahennwa nsɛsoɔ, na ahennwa no nsɛsoɔ so na obi a ɔte sɛ onipa nsɛsoɔ teɛ wɔ soro.


Na mehunui, na hwɛ, na ntrɛmu a ɛwɔ Kerubim no atifi no so biribi te sɛ hoaboɔ a wɔhwɛ a, ne suban ne ne tebea te sɛ ahennwa nsɛsoɔ.


Yeinom ne ateasefoɔ a mehunuu wɔn Israel Nyankopɔn aseɛ, Asuo Kebar ho no, na mehunuu sɛ ɛyɛ Kerubim.


Ɛkura Nyankopɔn animuonyam. Deɛ ɛmaa no hann no te sɛ ɔboɔ a ne boɔ yɛ den papa, te sɛ ahwehwɛboɔ a emu teɛ sɛ ahwehwɛ.


Na deɛ ɔte soɔ no, wohwɛ no a, ɔte sɛ ahwehwɛboɔ ne bogyanamboɔ, na nyankontɔn a wohwɛ a, ɛte sɛ ahahammonoboɔ atwa ahennwa no ho ahyia.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios