Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hesekiel 1:18 - New Revised Asante Twi Bible

18 Wɔn hankra korɔn ma no yɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankra no ho amaama atwa nnan no nyinaa ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

18 Wɔn hankra korɔn ma no yɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankra no ho amaama atwa nnan no nyinaa ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔn hankare no korɔn, na ɛyɛ hu, na aniwa tuatua hankare anan no nyinaa ho.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

18 Wɔn nhankra no korɔn, na ɛyɛ nwanwa, na aniwa tuatua nhankra ɛnan no nyinaa ho.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

18 na ne hankare korɔn ma ɛyɛ hu, na aniwa ayeyɛ hankare no ho amaama atwa anan no nyinaa ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar




Hesekiel 1:18
10 Referencias Cruzadas  

na ntwahonan no yɛbea te sɛ teaseɛnam deɛ, ɛho nsa ne ne hankra ne ne mpadeɛ ne ne berɛmo nyinaa nso, wɔgui.


AWURADE ani wɔ mmaa nyinaa rehwɛ abɔnefoɔ ne apapafoɔ.


na sɛdeɛ ɔsoro korɔn sene asase no, saa ara na m’akwan korɔn sene mo akwan, na m’adwene nso sene mo adwene.


Na wɔn honam nyinaa ne wɔn akyi ne wɔn nsa ne wɔn ntaban ne nkyimiiɛ no, ani ayeyɛ ɛho ma ma atwa ho ahyia, wɔn baanan no wowɔ wɔn nkyimiiɛ.


Na sɛ wɔbuu adwuma mfitiaseɛ ketewa yi animtia mpo a, wɔn ani bɛgye berɛ a wɔbɛhu kyirebennyɛ no wɔ Serubabel nsam. Na kaneadua nson a wo hunuiɛ no ne AWURADE ani a ɛdi akɔneaba asase nyinaa soɔ no.


Na ahwehwɛ po a ɛte sɛ ahwehwɛ wɔ ahennwa no anim, na ateasefoɔ baanan a ani ayeyɛ wɔn anim ne wɔn akyiri mama wowɔ ahennwa no ho wɔ mfimfini, na wɔatwa ahennwa no ho ahyia.


Na ateasefoɔ baanan no mu biara wɔ ntaban nsia, na aniwa ahyehyɛ wɔn ho ne wɔn mu mama, na wɔto dwom daa awia ne anadwo sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron ne Awurade Nyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ a ɔtenaa hɔ, na ɔwɔ hɔ, na ɔrebɛba.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios