Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 9:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na ntwamutam a ɛtɔ so mmienu no mu wɔ ntomadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no,

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Ntwamu no akyi a wɔfrɛ hɔ Kronkron mu Kronkron no,

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na ntwamutam a ɛto so abien no mu wɔ ntamadan a wɔfrɛ hɔ kronkron mu kronkron.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 9:3
15 Referencias Cruzadas  

Na ɔde tweneduro ntaaboɔ sii ɛdan no akyiri fam basafa du, firi fam kɔpem nsamsoɔ mpuna, na ɔsii de emu yɛɛ mpiakyire, ɛne kronkronkronbea no.


Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.


Na ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera yɛɛ ntwamutam, na ɔyeyɛɛ mu kerubim.


na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na ɔsii ntwamutam no, na ɔde kataa adanseɛ adaka no ano, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.


Na fa adanseɛ adaka no si mu, na fa ntwamutam no kata adaka no ani.


Na bepɔ yi so na ɔbɛyi anim ntoma a ɛkataa aman nyinaa anim, ne akatasoɔ a ɛkataa amanaman nyinaa soɔ no.


na ɔsusuu ne ntwemu basafa du ne ne trɛ basafa du, asɔredan no anim; na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛha ne kronkron mu kronkronbea.


Na sɛ nsraban no rebɛtu a, Aaron ne ne mma mmra mmɛyi ntwamutam no, na wɔmfa nkata adanseɛ adaka no ho,


Na hwɛ, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu tee mmienu firi soro de bɛsii fam, na asase wosoe, na abotan paepaeɛ.


Ɛno na yɛwɔ sɛ ɔkra sɛkyɛ a ɛnteɛ, na ɛtim hɔ a ɛhyɛne mu de kɔsi ntwamutam no mu,


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.


Emu na Honhom Kronkron kyerɛ yei pefee sɛ, ɛberɛ a wɔnnya nyii kwan a ɛde kɔ kronkron mu no adi nkyerɛeɛ no, na ntomadan a ɛdi kan no da so si hɔ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios