Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 9:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Ɛfiri sɛ, wɔsii ntomadan bi a wɔkɔ mu kane a kaneadua ne ɛpono ne paanoo a ɛgu soɔ wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Wosii ntamadan a wɔatwa mu abien. Ɔdan a edi kan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɔpon ne brodo a wɔatew ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Wɔsii ntomadan a wɔatwa mu mmienu. Ɛdan a ɛdi ɛkan no a wɔfrɛ no Kronkronbea no na kaneadua, ɛpono ne burodo a wɔate ho a wɔde ma Onyankopɔn no wɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Efisɛ wosii ntamadan bi a wɔkɔ mu kan a ɔkaneadua ne ɔpon ne abodoo a egu so wɔ mu a wɔfrɛ hɔ kronkronbea.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 9:2
21 Referencias Cruzadas  

Na fa okuo yɛ ɛpono, ne tentene basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn baako ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.


Na fa kyerɛ paanoo sisi ɛpono no so wɔ m’anim daa.


Na fa sika amapa a waboro yɛ kaneadua; ne nan ne ne dua; ɛho nhwiren nkuramu, ne kukuduuduu ne ne nhwiren no mfiri ɛno ara mu.


Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini.


Na fa ntwamutam no sɛne nkoamu no ase, na fa Adanseɛ adaka no bɛsi ntwamutam no akyi, na ntwamutam no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo.


Na fa ɛpono no si ntwamutam no anim, na kaneadua no nni ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu anafoɔ fam, na fa ɛpono no si nkyɛn mu atifi fam.


Na yei na yɛ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm,


Na sei na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛdeɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa. Nnanson na fa hyɛ wɔn asɔfoɔ.


Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na si ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no.


Na fa ɛpono no kɔ mu, na siesie deɛ wɔde sisi soɔ no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa ne nkanea no sisi so.


Sɛdeɛ ɔkɔɔ Nyankopɔn fie, na ɔkɔdii Kyerɛ paanoo a, ɔne wɔn a wɔka ne ho no nni ho kwan sɛ wɔdie, gye asɔfoɔ nko ara no?


Na wɔnsɔ kanea mfa nhyɛ kodoɔ ase, na mmom wɔde si kaneadua so, na ahyerɛn ama wɔn a wɔwɔ ɛdan no mu nyinaa.


Nanso wanhyɛne hɔ sɛ ɔde ne ho bɛbɔ afɔdeɛ mprɛ pii, sɛdeɛ ɔsɔfo panin de obi mogya hyɛne kronkronbea daa mfirinhyia no;


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios