Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 8:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no; ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pameeɛ da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn mefirii Misraim asase soɔ no; ɛfiri sɛ wɔn deɛ, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwene wɔn ho, Awurade na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛɛ no bere a misoo wɔn nsa dii wɔn anim fii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛɛ no ho nokware, ɛno nti mantew mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ose.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Ɛrenyɛ sɛ apam a me ne wɔn agyanom yɛeɛ no ɛberɛ a mesɔɔ wɔn nsa dii wɔn anim firii Misraim no. Wɔanni apam a me ne wɔn hyehyɛeɛ no ho nokorɛ, ɛno enti mante mʼani anhwɛ wɔn, Awurade na ɔseɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamee da a misusoo wɔn nsa miyii wɔn mifii Misraim asase so no; efisɛ wɔn de, wɔantena m’apam mu, na me nso mannwen wɔn ho, Awurade na ose.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 8:9
44 Referencias Cruzadas  

Na ɔtwentwɛn ne nan ase no, mmarima no sosɔɔ ɔno ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, na wɔde no firii adi gyaa no kuro no akyi ɛfiri sɛ AWURADE huu no mmɔbɔ.


Hwɛ, Onyankopɔn mpo deɛ ɔdi mu, na abɔnefoɔ nso, ɔnsɔ wɔn nsa.


na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi, ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe.


Wonam Mose ne Aaron nsa so bɛgyaa wo man sɛ nnwankuo.


Na wɔwae twaa nkontompo sɛ wɔn agyanom, wɔmanee sɛ tadua daadaafoɔ.


wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, me deɛ, merepam apam: Wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa soɔ ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wowɔ wɔn mu no nyinaa ahunu AWURADE nnwuma, na adeɛ a merebɛyɛ woɔ no bɛyɛ hu.


Hwan ne ɔbaa yi a ɔforo firi ɛserɛ so reba a ɔtwere ne dɔfoɔ yi? Menyanee wo aprɛ no ase, ɛhɔ na awoɔ kaa wo na woɔ, ɛhɔ na wo wofoɔ kyemeeɛ.


Ɔbɛyɛne ne nnwankuo sɛ odwanhwɛfoɔ, ɔbɛturu nnwammaa ne basa so, na wasoa wɔn ne kokom; nnwan mmaatan no, ɔbɛka wɔn brɛɛ.


Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, mekura wo nifa mu; me na mese wo sɛ: Nsuro, me ara mɛboa wo!


Wannya ne mma a ɔwoo wɔn nyinaa mu biara ankɔgya no, na wannya ne mma a ɔyɛnee wɔn nyinaa mu biara amma no ansɔ ne nsa.


Wɔn ahohia nyinaa mu no, ne ho hiahiaa no, na n’anim bɔfoɔ no gyee wɔn; ne dɔ ne ne mmɔborɔhunu mu na ɔgyee wɔn, na ɔmemaa wɔn so, na ɔsoaa wɔn tete nna no nyinaa.


Ɛnte sɛ apam a me ne wɔn agyanom pamm da a mesosɔɔ wɔn nsa meyii wɔn firii Misraim asase soɔ a wɔn deɛ, wɔbubuu m’apam, berɛ a meyɛ wɔn kunu no, AWURADE asɛm nie.


AWURADE ankasa na apansam wɔn, ɔrenkɔ so nhwɛ wɔn; wɔnhwɛ asɔfoɔ anim, mpanin anim amma nyam.


Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Meyɛ wo sɛdeɛ woyɛeɛ no ara a, wobuu ntanka animtia sɛ worebu apam soɔ no.


Na mebɛsianee wo ho na mehunuu wo, na hwɛ, ɛyɛ wo berɛ, ɔdɔ berɛ; na mede me ntaban metrɛɛ wo so, na mekataa w’adagya so, na mekaa wo ntam, na me ne wo yɛɛ apam, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, na woyɛɛ me deɛ.


Na sɛ mobɔ mo hyeɛ afɔdeɛ ma me na mode mo aduane ayɛyɛdeɛ brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoeɛ afɔdeɛ nso, merenhwɛ.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu yi nso moyɛ: Mode nisuo ne esu ne ahomeguo kata AWURADE afɔrebukyia so ma ɔnnane mmɛhwɛ ayɛyɛdeɛ no, nso ɔnnye mo nsam deɛ ɛsɔ n’ani bio.


Na ɔsɔɔ onifirani no nsa de no firii akuraa no ase, na ɔtee ntasuo guu n’ani so, de ne nsa guu ne so bisaa no sɛ: Wohunu adeɛ anaa?


Na afei, hwɛ, Awurade nsa da wo so, na w’ani bɛfira, na worenhunu owia, gye da bi. Na amonom hɔ ara kusukuukuu ne esum bɛduruu no so maa no kyini hwehwɛɛ obi a ɔbɛsɔ ne nsa akyerɛ ne kwan.


Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.


Na Saulo sɔre firii fam, na ɔbuee n’ani no, wanhunu hwee. Na wɔkurakuraa ne nsa de no kɔɔ Damasko.


Saa adeɛ yi yɛ mfatoho, ɛfiri sɛ wɔn baanu no yɛ apam mmienu; ɔbaako firi Sinai bepɔ so a ɔrewo gu nkoayɛ mu, ɔno ne Hagar.


Yei ne apam a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔne Israelfoɔ mpam Moab asase so nka apam a ɔne wɔn pamm Horeb ho no mu nsɛm no ho.


sɛ wobɛhyɛne AWURADE wo Nyankopɔn apam ne ne nseɛ a ɔne wo repam na ɔredi nnɛ yi mu,


Na wɔbɛka sɛ: Ɛfiri sɛ wɔagya AWURADE wɔn nananom Nyankopɔn apam a ɔyii wɔn Misraim asase soɔ no, ɔne wɔn pameeɛ no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios