Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 8:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Afei eyi ne apam a me ne Israelfo bɛhyehyɛ wɔ bere a ɛreba no mu, Awurade na ose: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu na makyerɛw agu wɔn koma mu. Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn na wɔayɛ me nkurɔfo.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Afei, yei ne apam a me ne Israelfoɔ bɛhyehyɛ ɛberɛ a ɛreba no mu, Awurade na ɔseɛ: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwenem na matwerɛ agu wɔn akoma mu. Mɛyɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔayɛ me nkurɔfoɔ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na eyi ne apam a nna no akyi me ne Israel fi bɛpam no, Awurade na ose: Mede me mmara mɛhyɛ wɔn adwenem, na makyerɛw wɔ wɔn komam, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 8:10
34 Referencias Cruzadas  

Na Mose twerɛɛ AWURADE nsɛm no nyinaa. Na ɔtuaa nhema sii afɔrebukyia bepɔ no ase, ne adum dummienu sɛ Israel mmusuakuo dummienu no ano teɛ.


Na ɔfaa apam nwoma no, na ɔkenkan guu ɔman no aso mu. Ɛnna wɔse: Deɛ AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yɛbɛtie.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na mentwerɛ kane apono a wobobɔeɛ no so nsɛm no wɔ so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ nsɛm yi fa, ɛfiri sɛ nsɛm yi so na magyina me ne wo ne Israelfoɔ no apam.


Me dɔfoɔ wɔ me, na me nso mewɔ no, ɔno a ɔyɛne ne nnwan sukooko mu.


Na mɛma wɔn akoma a wɔde bɛhu me sɛ mene AWURADE, na wɔadane me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn; na wɔde wɔn akoma nyinaa bɛsane aba me nkyɛn.


Ɛberɛ no mu no, AWURADE asɛm nie, mɛyɛ Israel mmusua no nyinaa wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


Na yei ne apam a nna no akyi me ne Israel fie bɛpam no, AWURADE asɛm nie: Mede me mmara bɛhyɛ wɔn yam, na matwerɛ no wɔn akoma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman.


na wɔayɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn.


Na me ne wɔn bɛpam daa apam, na merensane mfiri wɔn akyiri sɛ merenyɛ wɔn yie bio, na mede me suro bɛhyɛ wɔn akoma mu, na wɔamfiri me nkyɛn.


Na me tenabea bɛsi wɔn mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso wɔayɛ me ɔman,


na Israel fie bɛhunu sɛ me, AWURADE, mene wɔn Nyankopɔn ɛfiri da no de rekorɔ,


Nanso Israel mma dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea a wɔnsusuo na wɔnkan no; na faako a wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Ɛnyɛ me man ne mo no, wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ: Nyankopɔn teasefoɔ mma.


Na mɛdua no mafa, asase so, na mɛhunu deɛ wɔnhunuu no mmɔborɔ no mmɔbɔ, na mɛka makyerɛ deɛ ɔnyɛ me man no sɛ: Me man ne wo! Na ɔno nso aka akyerɛ me sɛ: Me Nyankopɔn!


Na mede nkyɛmu a ɛtɔ so mmiɛnsa no bɛfa ogya mu, na manane wɔn sɛdeɛ wɔnane dwetɛ, na mayiyi wɔn mu sɛdeɛ wɔyiyi sika mu. Wɔbɛbɔ me din, na me nso mɛbua wɔn. Mɛka sɛ: Me man ne wɔn! Na wɔn nso aka sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn!


na mede wɔn aba na wɔabɛtena Yerusalem, na wɔabɛyɛ me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Onyankopɔn, nokorɛ ne tenenee mu.


sɛ: Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn? Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Nyankopɔn na mmom ateasefoɔ Nyankopɔn.


Na apam a me ne wɔn bɛpam berɛ a mɛyi wɔn bɔne makorɔ no nie.


Anaasɛ monnim sɛ deɛ ɔde ne ho bɔ odwamamfoɔ ho no, na ɔne no ayɛ nipadua baako anaa? Ɛfiri sɛ ɔka sɛ: Wɔn baanu bɛyɛ honam baako.


na moda adi sɛ moyɛ Kristo krataa a wɔnam yɛn som so twerɛeɛ; wɔamfa adubire, na mmom wɔde Onyankopɔn teasefoɔ no honhom na ɛtwerɛeɛ, ɛnyɛ aboɔ apono so, na mmom akoma ho nam apono so.


Na AWURADE wo Nyankopɔn bɛma wo ne w’asefoɔ akoma a ɛdwoɔ, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa adɔ AWURADE wo Nyankopɔn na woanya nkwa.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.


Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi.


Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no.


Na wɔamfiri aba a ɛporɔ mu, na mmom wɔfiri deɛ ɛmporɔ mu, ɛne sɛ wɔnam Nyankopɔn asɛm a ɛte aseɛ na ɛbɛtena hɔ no so awo wɔn foforɔ.


Na mo deɛ, moyɛ abusua a wɔayi wɔn, ahene asɔfokuo, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ɔno ara ne deɛ, sɛ monka deɛ ɔfrɛɛ mo firi esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwanwa mu no ayeyie nkyerɛ.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios