Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 7:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 ɛfiri sɛ berɛ a Melkisedek bɛhyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asene mu.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 ɛfiri sɛ berɛ a Melkisedek bɛhyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asene mu.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Na wɔnwoo Lewi ɛ, nanso esiane sɛ na ɔhyɛ ne nena Abraham mu saa bere no a Melkisedek hyiaa no no nti na otuae.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Na wɔnwoo Lewi, nanso ɛsiane sɛ na ɔhyɛ ne nana Abraham mu saa ɛberɛ no a Melkisedek hyiaa no no enti na ɔtuaeɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 efisɛ bere a Melkisedek behyiaa no no, na ɔda so wɔ n’agya asen mu.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 7:10
7 Referencias Cruzadas  

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba.


Akra a wɔne Yakob kɔɔ Misraim a wɔfiri n’asene mu, Yakob mma yerenom mfram, akra no nyinaa yɛ aduosia nsia.


nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w’asene mu, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.


Sɛdeɛ ɔkaa no baabi nso sɛ: Woyɛ daa sɔfo, wɔ Melkisedek kwan so.


Na afei sɛ pɛyɛ nam Lewifoɔ asɔfodie so ba a, (ɛfiri sɛ ɛno so na ɔman no nyaa mmara no,) anka ɛdeɛn hia na ɛhia bio sɛ Melkisedek akwan so sɔfoɔ foforɔ bɛsɔreɛ na wɔnka no sɛ Aaron kwan soɔ?


Na wɔn a wɔfiri Lewi mma mu nya asɔfodwuma no nso wɔ ahyɛdeɛ bi sɛ wɔnnye ntotosoɔ du du, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ ɔman no mu, ɛne sɛ, wɔn nuanom a wɔn nso wɔfiri Abraham asene mu no, nkyɛn,


Na yɛbɛtumi aka sɛ, Lewi nso a ɔgye ntotosoɔ du du no nam Abraham so maa ntotosoɔ du du no bi,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios