Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 5:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛw wɔ akwan ahorow pii so no nti, otumi tɔ ne bo ase ma wɔn a wonnim na wɔyɛ mfomso no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Esiane sɛ nʼankasa yɛ mmerɛ akwan ahodoɔ pii so no enti, ɔtumi to ne bo ase ma wɔn a wɔnnim na wɔyɛ mfomsoɔ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 sɛ obi a obetumi ahu ama wɔn a wonnim na wɔfom so no, esiane sɛ mmerɛwyɛ atwa ɔno nso ho ahyia.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 5:2
24 Referencias Cruzadas  

wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.


Na wɔn a wɔfom wɔ honhom mu bɛnya nteaseɛ, na anwiinwiifoɔ nso bɛsua adeɛ a wɔkyerɛ afa.


Mommane mfiri kwan no so, monkwae mfiri ɔtempɔn no so, momma Israel Kronkronni no nyera yɛn ani so.


Nanso masrɛ mama wo, na woampa wo gyidie. Na wo deɛ, sɛ daakye, sɛ wosan gyina a, hyɛ wo nuanom den!


Sɛ ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho a, mɛhoahoa me ho wɔ me mmerɛyɛ ho.


Saa nipa no fam na mɛhoahoa me ho, na me ara me fam deɛ, merenhoahoa me ho, gye me mmerɛyɛ mu.


nso monim sɛ honam mmerɛyɛ so na mekaa asɛmpa no mekyerɛɛ mo kane no,


Wɔn na wɔn adwene mu aduru sum, na ɛsiane sɛ wɔnni nteaseɛ na wɔn akoma apirim nti, wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn ma no ho ananafoɔ.


Ɛwom sɛ na anka kane no, meyɛ mmusubɔfoɔ ne ɔtaafoɔ ne oniɛdenfoɔ, nanso wɔahu me mmɔborɔ, ɛfiri sɛ na mennim na meyɛɛ no gyeɛ a mannye mannie mu.


Na monsiesie ɔkwan tenenee mma mo anan, na deɛ atɔ apakye no antere ho, na mmom wɔasa no yadeɛ.


Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Na ɛnam sɛ ɔno ara hunuu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛeɛ mu amaneɛ nti, ɔtumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.


Na yɛnni ɔsɔfo panin a ɔnnim yɛn mmerɛyɛ na ɔnni tema mma yɛn, na mmom deɛ wɔasɔ no ahwɛ adeɛ nyinaa mu sɛ yɛn ara, nso wannyɛ bɔne.


Na mmara no deɛ, ɛhyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛ asɔfoɔ mpanin, nanso mmara no akyiri ntanka asɛm no hyɛ ɔba a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panin.


Na deɛ ɛtɔ so mmienu no deɛ, ɔsɔfo panin nko na afe biara ɔkɔ hɔ prɛko, ɔde mogya a ɔno ara, ne ɔman no mfomsoɔ nti ɔde kɔma.


Me nuanom, sɛ mo mu bi fom firi nokorɛ ho na obi dane no a,


Na anka mote sɛ nnwan a wɔayera, na afei moasane aba mo kra Hwɛfoɔ ne Wɛmfoɔ no nkyɛn.


Na wɔn atemmufoɔ no nso, wɔantie wɔn, na wɔdii anyame foforɔ akyi adwamammɔ mu, na wɔsɔree wɔn; ntɛm ara na wɔfirii kwan a wɔn agyanom nantee so tiee AWURADE mmara nsɛm no soɔ; na wɔn deɛ, wɔanni so.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios