Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 5:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Woyii Ɔsɔfopanyin biara fii nnipa bi mu na wasi wɔn anan mu de wɔn akyɛde ne wɔn bɔne ho afɔre asom Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Wɔyi Ɔsɔfopanin biara firi nnipa bi mu na wasi wɔn ananmu de wɔn akyɛdeɛ ne wɔn bɔne ho afɔdeɛ asom Onyankopɔn.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Na ɔsɔfo panyin biara, woyi no fi nnipa mu hyɛ no sɔfo ma nnipa, Onyankopɔn fam nneɛma ho, na bɔne nti ɔde ayɛyɛde ne afɔre ama,

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 5:1
17 Referencias Cruzadas  

Fa Aaron ne ne mma ka ne ho, ɛne ntadeɛ no ne sra ngo no, ne bɔne ho afɔdeɛ nantwinini no ne adwennini mmienu no ne apiti kɛntɛn no.


Na Mose ka kyerɛɛ Aaron sɛ: Twe pini afɔrebukyia no ho, na bɔ wo hyeɛ afɔdeɛ ne wo bɔne ho afɔdeɛ, na pata ma wo ho ne ɔman no; na fa ɔman no ayɛyɛdeɛ bra, na pata ma wɔn, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.


Enti mewɔ Kristo Yesu mu ahohoahoa Nyankopɔn fam nnoɔma mu.


Na nsɛm a adi kan a me nso menyaeɛ a mede mehyɛɛ mo nsa ne sɛ: Yɛn bɔne nti Kristo wui, sɛdeɛ twerɛ nsɛm no ka no.


Na ɔsɔfoɔ biara gyina hɔ daa resom, na ɔtaa bɔ afɔdeɛ korɔ no ara a ɛntumi nyi bɔne mfiri hɔ da.


Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ daa bɔne ho afɔdeɛ baako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa.


Enti ɛhiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom nnoɔma nyinaa mu, na wayɛ mmɔborɔhunu ne nokorɛ sɔfo panin, Nyankopɔn fam nnoɔma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata.


Ɔno na ɛnhia no daa, sɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no, sɛ ɔbɔ ɔno ara ne bɔne ho afɔdeɛ kane ansa na wabɔ ɔman no deɛ, na mmom ɔde ne ho bɔɔ afɔdeɛ no, ɔyɛɛ yei prɛko pɛ.


Na ɔsɔfo panin biara wɔhyɛ no sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ mma, enti ɛsɛ sɛ oyi nso nya biribi a ɔde bɛma.


Na sɛ ɔwɔ asase so deɛ a, anka ɔnyɛ ɔsɔfoɔ mpo, ɛfiri sɛ asɔfoɔ a wɔde ayɛyɛdeɛ ma, sɛdeɛ mmara no teɛ, wɔ hɔ dada.


Na ɛno yɛ mfatoho de ma seesei berɛ yi, sɛdeɛ wɔde ayɛyɛdeɛ nso ma, ɛne afɔdeɛ a ɛntumi mma deɛ ɔsom no nni mu n’ahonim fam,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios