Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 4:9 - New Revised Asante Twi Bible

9 Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

9 Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛnea ɛte no, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfo, sɛnea Onyankopɔn homee da a ɛto so ason no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

9 Sɛdeɛ ɛte yi, ɔhome da so wɔ hɔ ma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn homee da a ɛtɔ so nson no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

9 Ɛnne na homedadi aka ama Onyankopɔn man.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 4:9
17 Referencias Cruzadas  

Aman ahene boaboa wɔn ho ano, Abraham Nyankopɔn man. Na asase so akyɛm yɛ Onyankopɔn dea, wɔama no so kɛse.


Ɛnna ɔman no homee da a ɛtɔ so nson no.


Na da no, Yisai nhini mu duforɔ a ɛsi hɔ sɛ frankaa ma aman no, n’akyiri kwan na amanaman bɛhwehwɛ, na ne homebea bɛyɛ animuonyam.


Ɔkɔ asomdwoeɛ mu; wɔhome wɔn nnaeɛ so, wɔn a wɔnante wɔn teeyɛ mu no.


Na ɔbɛwo ɔbabanin, na woato ne din Yesu, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛgye ne man afiri wɔn bɔne mu.


Ɔno na ɔde ne ho maeɛ, maa yɛn, na wagye yɛn afiri mmarato nyinaa mu, na wadwira ɔman bi ho ayɛ ɔno ara ne deɛ a wɔbɔ nnwuma pa ho mmɔden.


na ɔyii sɛ ɔne Nyankopɔn man bɛhunu amane mmom kyɛne sɛ ɔbɛte bɔne mu dɛ nna tiaa bie.


sɛdeɛ mekaa ntam wɔ m’abufuo mu no: Wɔrenhyɛne me home mu da.


Saa nti, ɛnam sɛ wɔagya yɛn ne home mu kɔ ho bɔhyɛ nti, momma yɛnsuro, na mo mu biara anyɛ sɛ waka akyi.


Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.


Na yɛn a yɛagye adie no kɔ ɔhome no mu, sɛdeɛ ɔkaa sɛ: Mekaa ntam m’abufuo mu sɛ: Wɔrenhyɛne me home mu. Nanso wɔfiri wiase fapemtoɔ awie nnwuma no dada.


Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.


Mo a kane no monyɛ ɔman, na afei moayɛ Nyankopɔn man, mo a monnyaa mmɔborɔhunu, na afei deɛ, moanya mmɔborɔhunu.


Na metee ɛnne bi firii soro a ɛkaa sɛ: Twerɛ sɛ: Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekorɔ yi. Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.


Na ɔbɛpepa wɔn ani ase nisuo nyinaa. Na owuo nni hɔ bio, na awerɛhoɔ ne osu ne yea biara nni hɔ bio, ɛfiri sɛ kane nnoɔma no atwam.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios