Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 4:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Na sɛ na Yosua ama wɔn ahome a, anka akyire yi wammɔ da foforɔ din bio.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyiri no Onyankopɔn anka da foforo ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Sɛ Yosua dii nnipa no anim de wɔn kɔɔ Onyankopɔn home mu a, anka akyire no Onyankopɔn anka da foforɔ ho asɛm.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Na sɛ Yosua ama wɔahome a, anka akyiri yi wammɔ da foforo din bio.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 4:8
13 Referencias Cruzadas  

ne ba Nun, ne ba Yosua.


Na ɔde amanaman nsase maa wɔn, na wɔdii nkurɔfoɔ adwuma so adeɛ,


Ɔpampamm amanaman, wɔn anim, na ɔtwee wɔn awunnyadeɛ so ntonto kyɛɛ no homa so, na ɔmaa Israel mmusuakuo tenatenaa wɔn ntomadan mu.


Yɛn agyanom nsa kaa saa ntomadan yi no, wɔne Yosua de baa amanaman a Onyankopɔn pamm wɔn firii yɛn agyanom anim no asase so. Ɛte saa ara de bɛsii Dawid berɛ so.


na ɛde bɛsi sɛsɛɛ yi monnya nnuruu home ne agyapadeɛ a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no mu.


Enti sɛ AWURADE wo Nyankopɔn ma wo ɔhome firi w’atamfo a wɔatwa wo ho ahyia nyinaa nsa, asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema wo sɛ fa tena soɔ no so a, pepa Amalek nkaeɛ firi asase so; mma wo werɛ mmfi.


Onyankopɔn a tete no ɔnam mmerɛ ahodoɔ ne akwan ahodoɔ so, nam adiyifoɔ so kasa kyerɛɛ agyanom no,


Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.


nkɔsi sɛ AWURADE de mo nuanom bɛtena ase sɛ mo, na wɔn nso wɔbɛdi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn no so ansa na moasane aba mo sodie asase no so abɛdi so, sɛ AWURADE akoa Mose de maa mo, Yordan agya owiapueeɛ hɔ no.


Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.


Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsane na monkɔ mo ntomadan mu, mo agyapadeɛ asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.


Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios