Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 4:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Na deɛ wahyɛne ne home mu no, ɔno nso home firii ne nnwuma ho, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne deɛ ho no.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afi nʼankasa ne nnwuma mu, sɛnea Onyankopɔn home fii ne nnwuma mu no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Obiara a ɔbɛhome wɔ Onyankopɔn mu no bɛhome afiri nʼankasa ne nnwuma mu, sɛdeɛ Onyankopɔn home firii ne nnwuma mu no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Na nea wahyɛn ne home mu no, ɔno nso home fii ne nnwuma ho, sɛnea Onyankopɔn home fii ne de ho no.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 4:10
9 Referencias Cruzadas  

Na da a ɛtɔ so nson no, na Onyankopɔn awie n’adwuma a ɔyɛeɛ no, na da a ɛtɔ so nson no, ɔhome firii n’adwuma a ɔyɛeɛ nyinaa ho.


Ɛnna Yesu gyee nsa kekakeka no, ɔkaa sɛ: Mawie! Na ɔbɔɔ ne tiri ase na ɔgyae ne honhom mu.


Ɔno ara a ɔyɛ n’animuonyam no haran ne ne su nsɛsoɔ, na ɔde ne tumi asɛm sɔ nnoɔma nyinaa mu no, ɔde ɔno ara ne ho dwiraa yɛn bɔne no, ɔkɔtenaa animuonyam kɛseɛ no nifa so ɔsorosoro,


Na ɔno deɛ, ɔnya bɔɔ daa bɔne ho afɔdeɛ baako no, ɔkɔtenaa Nyankopɔn nifa.


Ɛnneɛ na homedadie da so ara wɔ hɔ ma Nyankopɔn man.


Na metee ɛnne bi firii soro a ɛkaa sɛ: Twerɛ sɛ: Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekorɔ yi. Honhom no se: Aane, wɔbɛhome afiri wɔn brɛ no mu; na wɔn nnwuma di wɔn akyi.


Na wɔmaa wɔn mu biara atadeɛ fitaa, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhome berɛ tiaa bi bio, nkɔsi sɛ wɔn nwurakwaa ne wɔn nuanom a wɔbɛkum wɔn te sɛ wɔn no nso dodoɔ bɛso ano.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios