Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 3:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 mommpirim mo akoma sɛ atuateɛ no mu, sɔhwɛ da no wɔ serɛ so hɔ,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 mommpirim mo akoma sɛ atuateɛ no mu, sɔhwɛ da no wɔ serɛ so hɔ,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 monnyɛ asoɔden te sɛ nea moyɛɛ bere a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛnea moyɛɛ da a na mowɔ sare so a mosɔɔ no hwɛe no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 monnyɛ asoɔden te sɛ deɛ moyɛɛ ɛberɛ a mosɔre tiaa Onyankopɔn no; sɛdeɛ moyɛɛ da a na mowɔ ɛserɛ so a mosɔɔ no hwɛeɛ no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 mummpirim mo koma, sɛ ntawntaw no mu, sɔhwɛ da no wɔ sare so hɔ,

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 3:8
28 Referencias Cruzadas  

Nanso wɔantie, na wɔsensenee wɔn kɔn sɛ wɔn agyanom a wɔannye AWURADE wɔn Nyankopɔn annie no kɔn.


Afei monnsensene mo kɔn sɛ mo agyanom, momfa mo ho mma AWURADE, na mommra ne kronkronbea a wayɛ no kronkron de rekɔsi daa no mu, na monsom AWURADE mo Nyankopɔn, na n’abufuhyeɛ no mfiri mo ho nkɔ.


Afei nso ɔtee Ɔhene Nebukadnessar a ɔmaa no kaa Nyankopɔn ntam no anim atua. Na ɔsenee ne kɔn na ɔpirim n’akoma sɛ ɔrensane mma AWURADE Israel Nyankopɔn nkyɛn.


Na wɔne yɛn agyanom dii ahantansɛm, na wɔsensenee wɔn kɔn, na wɔantie wo mmara nsɛm.


Akoma mu nyansafoɔ ne tumi mu hoɔdenfoɔ no, hwan na wasene ne kɔn wɔ ne soɔ na asi no yie?


Na wɔn kɔn dɔɔ ntraso ɛserɛ so, na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe anwea pradada so.


Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn akoma mu, bisaa no aduane sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ,


Nanso wɔsɔɔ ɔsorosoro Nyankopɔn hwɛe tee no atua, na n’adansesɛm no, wɔanni so.


Monnyɛ mo akoma denden sɛ Meriba, sɛ Masa da no, ɛserɛ so hɔ,


Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba.


Na Farao hunuu sɛ wanya ahotɔ no, ɔpirim n’akoma, na wantie wɔn, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.


Nhyira ne onipa a ɔfɛre adeɛ daa daa, na deɛ ɔhyɛ n’akoma den bɛtɔ bɔne mu.


Onipa a wɔka n’anim na ɔsene ne kɔn no, wɔbɛbu no mpofirim a ano nni aduro.


nanso wɔantie me, na wɔammrɛ wɔn aso ase, na wɔsenee wɔn kɔn yɛɛ bɔne sene wɔn agyanom.


Na n’adwene maa ne ho so na ne honhom yɛɛ den ahantan mu no, wɔtuu no firii n’ahennwa no so, na wɔyii n’animuonyam firii ne ho;


Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Na ɛnkɔsi da bɛn na wɔrennye me nnie, nsɛnkyerɛnneɛ a mayɛ no wɔn mu no nyinaa akyi?


Ɛfiri sɛ ɔman yi akoma apirim, na wɔn aso mu ayɛ duru, na wɔakatakata wɔn ani na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔannane wɔn ho, na mansa wɔn yadeɛ.


Nanso na ebinom akoma yɛ den, na wɔntie, na wɔkasa Ɔkwan no ho bɔne nnipakuo no anim nti, ɔgyaa wɔn hɔ yii asuafoɔ no firii wɔn mu, na ɔkasaa wɔ obi a ɔde Tirano suadan mu daa.


Ɔno ara na ɔde wɔn firii adi yɛɛ anwanwadeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ Misraim asase so, ne Mmɛwa Po mu ne ɛserɛ so mfirinhyia aduanan.


Nso mommma yɛnnsɔ Kristo nnhwɛ, sɛdeɛ wɔn mu binom yɛeɛ, na awɔ kunkumm wɔn no.


Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ no;


Na adɛn nti na moyɛ mo akoma denden sɛdeɛ Misraimfoɔ ne Farao yɛɛ wɔn akoma denden no? Ɛnyɛ sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔn adeɛ wieeɛ no ansa na wɔregya wɔn kwan ama wɔakorɔ?


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios