Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 3:10 - New Revised Asante Twi Bible

10 Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu. Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan;

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

10 Enti saa awoɔ ntoatoasoɔ yi ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Wɔfom daa wɔ wɔn akoma mu. Nanso wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan;

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

10 Ne saa nti me bo fuw saa nnipa no, na mekae se, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn koma aman afi me ho, na wɔanhu mʼakwan.’

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

10 Esiane saa enti, me bo fuu saa nnipa no kaa sɛ, ‘Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.’

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

10 Enti saa awo ntoatoaso yi ho yɛɛ me ahi, na mekae sɛ: Wɔfom so daa wɔ wɔn komam. Nanso wɔn de, wɔanhu m’akwan;

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 3:10
20 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔyɛɛ onipa wɔ asase soɔ, na ɛyɛɛ no ya n’akomam.


Ɔnyɛɛ ɔman biara saa da, na n’atemmudeɛ no, wɔnnim. Monyi AWURADE ayɛ!


Na ma wɔnhunu w’akwan wɔ asase so, wo nkwagyeɛ amanaman nyinaa mu.


Mprɛ ahe ara na wɔante n’anim atua ɛserɛ soɔ, na wɔanho ne werɛ anwea pradada soɔ!


Na wɔanyɛ sɛ wɔn agyanom, mma asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ, mma a wɔmfa wɔn akoma nsi tee, na wɔn honhom nni Nyankopɔn nokorɛ.


Mfeɛ aduanan na awoɔ ntoatoasoɔ no ho yɛɛ me ahi, na mekaa sɛ: Ɔman a wɔfom akoma mu ne wɔn. Na wɔn deɛ, wɔanhunu m’akwan.


Na yeinom nso tɔ ntintan wɔ nsa mu na wɔhinhim wɔ nsaden mu, ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ tɔ ntintan wɔ nsaden mu. Nsa amene wɔn, nsaden nti wɔhinhim, wɔyɛ mfomsoɔ wɔ adehunu mu, wɔpo dodoɔ wɔ asennie mu.


Na wɔn deɛ, wɔtee atua na wɔhyɛɛ ne Honhom kronkron no yea, enti ɔdanee wɔn ɔtamfoɔ, na ɔno ara ne wɔn dii ako.


Ɛfiri sɛ me man agyimi. Wɔnnim me, wɔyɛ mma nkwaseafoɔ, na wɔnni nhunumu. Wɔyɛ bɔne ho anyansafoɔ, na papayɛ deɛ, wɔnnim.


Me man bisa wɔn dua hɔ adeɛ, na wɔn poma ka asɛm kyerɛ wɔn, ɛfiri sɛ adwamammɔ honhom adaadaa wɔn, na wɔafiri wɔn Nyankopɔn ase akɔbɔ adwaman.


Na edu no teeɛ no, anuanom baanu no asɛm no anyɛ wɔn abodwoɔ.


Na ɔde abufuo hwɛɛ wɔn hyiae, na wɔn akomaden nti ɛyɛɛ no ya, na ɔsee onipa no sɛ: Tene wo nsa. Na ɔteneeɛ; na ne nsa no sane yɛɛ yie.


Na me deɛ, ɛsiane sɛ meka nokorɛ nti, monnye me nni.


Na sɛdeɛ wɔammu sɛ wɔbɛkura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ deɛ ɛmfata,


Na sɛ Onyankopɔn nokorɛ da adi mmoroso wɔ m’atorɔ mu kɔ n’animuonyam mu a, adɛn na woda so bu me atɛn sɛ ɔdebɔneyɛni?


Na monnho Nyankopɔn Honhom Kronkron a wɔde no asɔ mo ano ama ɔgyeɛ da no werɛ.


Monhwɛ yie, anuanom, na akoma bɔne a ɛnnye nnie amma mo mu biara mu, na wanwae amfiri Onyankopɔn teasefoɔ ho.


Na wɔyiyii anyame ananafoɔ no firii wɔn mu, na wɔsomm AWURADE; na Israel amanehunu no yɛɛ ne kra ahomete.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios