Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 2:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ne ahoɔdenneɛ ahodoɔ ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanseɛ bi.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Saa bere koro no ara mu na Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnne ne nʼanwonwadwuma so dii ho adanse. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛnea ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 na Onyankopɔn nso de nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne ahoɔdenne horow ne Honhom Kronkron a ɔkyekyɛɛ mu sɛ ɔpɛ no dii ho adanse bi.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 2:4
18 Referencias Cruzadas  

na asase sotefoɔ nyinaa, wɔmmu wɔn hwee, na ɔde ɔsoro asafo ne asase sotefoɔ yɛ sɛdeɛ ɔpɛ, na obiara nni hɔ a ɔbɛbɔ ne nsa atwene na waka akyerɛ no sɛ: Ɛdeɛn na woreyɛ yi?


Na wɔn deɛ, wɔfirii hɔ kɔ kɔkaa asɛm mmaa nyinaa, na Awurade ne wɔn yɛɛ adwuma, nam nsɛnkyerɛnneɛ a ɛka ho no so hyɛɛ asɛm no den.] Amen.


Na Ɔhene Herode tee; ɛfiri sɛ na Yesu din atrɛ, na ɔkaa sɛ: Yohane a na ɔbɔ asu no anyane afiri awufoɔ mu, enti na ahoɔdenneɛ yi di dwuma wɔ ne mu.


Na Okyigyinafoɔ a mɛsoma no mabrɛ mo afiri Agya no nkyɛn, nokorɛ Honhom a ɔfiri Agya no nkyɛn reba no, sɛ ɔnya ba a, ɔno na ɔbɛdi me ho adanseɛ;


Ɛnna Yesu see no sɛ: Sɛ moanhunu nsɛnkyerɛnneɛ ne nkonyaa a, morennye nni.


Enti wɔtenaa hɔ kyɛree, na wɔde nnam paee mu kasa maa Awurade, na ɔno nso dii n’adom asɛm no ho adanseɛ, na ɔnam wɔn nsa so maa wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ.


mo nyinaa ne Israel man nyinaa nhunu sɛ, Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛnnua mu, a Onyankopɔn nyanee no firii awufoɔ mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asane yi.


Aane, yɛn, yɛyɛ yeinom ho adansefoɔ, na saa ara nso na Honhom Kronkron a Onyankopɔn de ma wɔn a wɔtie no no yɛ.


Ɔyii yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abayɛ mu, sɛdeɛ ne pɛ anisɔ teɛ,


Ɔmaa yɛhunuu ne pɛ ahuntasɛm, sɛdeɛ n’anisɔ a ɛyɛ n’atirimpɔ no teɛ.


Na wɔde adom adom yɛn nyinaa mmaako mmaako, sɛdeɛ Kristo asusu n’akyɛdeɛ ama no.


Na ɛntumi mma sɛ, wɔn a wɔanya hann pɛn, na wɔaka ɔsoro akyɛdeɛ no ahwɛ, na wɔanya Honhom Kronkron no bie,


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios