Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 2:11 - New Revised Asante Twi Bible

11 Na deɛ ɔte yɛn ho ne wɔn a wɔate wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

11 Na deɛ ɔte ho ne wɔn a wɔte wɔn ho nyinaa wɔ abɔseɛ baako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔma nnipa yɛ kronkron fi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno nti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

11 Ɔma nnipa yɛ kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa wɔ Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre sɛ ɔfrɛ wɔn anuanom no.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

11 Na nea ɔtew ho, ne wɔn a wɔtew wɔn ho nyinaa wɔ abɔse biako, ne saa nti ɛnyɛ no aniwu sɛ ɔbɛfrɛ wɔn anuanom,

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 2:11
19 Referencias Cruzadas  

Na ɔde afɔdeɛ korɔ no ara ama wɔn a wɔate wɔn ho no awie pɛyɛ.


Saa ɔpɛ no mu na wɔnam Yesu Kristo honam a ɔde bɛmaeɛ no soɔ ate yɛn ho prɛko.


Yesu see no sɛ: Mfa wo nsa nka me, na mennya menkɔɔ ɔsoro, m’Agya nkyɛn. Na kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ merebɛkɔ ɔsoro, m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn nkyɛn.


Na Yesu nso, deɛ ɛbɛyɛ na ɔde ɔno ara ne mogya ate ɔman no ho nti, ɔhunuu amane, kuro no pono akyi.


Na wɔn a ɔhunuu wɔn sieeɛ no, wayi wɔn ato hɔ nso, sɛ wɔnsɛ ne ba no suban, na wayɛ anuanom pii mu abakan.


Na meyɛ me ho kronkron mema wɔn, na wɔn nso ayɛ kronkron nokorɛ mu.


sɛ wɔn nyinaa nyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ baako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


Enti sɛ mma no anya honam ne mogya korɔ no bie no, saa ara na ɔno nso faa mu bi, sɛ ɔnam owuo so bɛtu deɛ ɔwɔ owuo tumi a ɔne ɔbonsam no,


na ɛberɛ no wiee duro no, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔbaa woo no maa wɔwoo no mmara ase,


na ɔmaa nnipa wɔ aman nyinaa firi onipa baako mu tenaa asase so nyinaa, na wahyehyɛ mmerɛ ahodoɔ ne wɔn tenabea hyeɛ ato hɔ ama wɔn


Na afei wɔrehwehwɛ kuro a ɛyɛ kyɛne soɔ a ɛne ɔsoro deɛ. Enti ɛnyɛ Onyankopɔn aniwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn, ɛfiri sɛ wasiesie kuro bi ama wɔn.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho, nnɛ mma awaresɛefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ yi mu no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔne abɔfoɔ kronkron no bɛba wɔ n’agya animuonyam mu no.


Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Monnsuro; monkɔ nkɔka nkyerɛ me nuanom sɛ wɔnkɔ Galilea, na ɛhɔ na wɔbɛhu me.


Na ɔno mu na yɛte ase, na yɛkeka yɛn ho, na yɛwɔ hɔ, sɛdeɛ mo nnwontofoɔ binom nso aka sɛ: Ɛfiri sɛ n’abusua nso ne yɛn.


Na obiara a n’ani bɛwu me ne me nsɛm ho no, ɔno nso ho bɛyɛ Onipa Ba no aniwu ɛda a ɔde ɔno ne n’agya ne n’abɔfoɔ kronkron animuonyam bɛba no.


Na ɔtwaa n’ani hwɛɛ wɔn a wɔtete ne ho hyiaeɛ no, ɔkaa sɛ: Hwɛ, me na ne me nuanom nie!


Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios