Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 13:8 - New Revised Asante Twi Bible

8 Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ nnora, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

8 Yesu Kristo te sɛdeɛ ɔteɛ nnora, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu Kristo te saa ara nnɛra, nnɛ ne daa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

8 Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

8 Yesu Kristo no ara wɔ hɔ nnɛra, ɛnnɛ, ɛne daapem nyinaa.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 13:8
19 Referencias Cruzadas  

Na Abraham duaa ɛsɛnteɛ dua wɔ Beer-seba, na ɔsɔree AWURADE a ɔyɛ daa Nyankopɔn no wɔ hɔ.


Na AWURADE adɔeɛ firi daa kɔ daa, wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ hɔ ma mma mma,


Wo deɛ, wɔnnya mmɔɔ mmepɔ na wonnya nyii asase ne wiase adie no, na wofiri tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri yɛ Onyankopɔn.


Na mfirinhyia apem yɛ w’ani so sɛ nnora da a ɛtwaa mu ne anadwo mu dasuo.


Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose sɛ: ME ARA NE ME ARA. Na ɔse: Sɛdeɛ ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: ME ARA na asoma me mo nkyɛn.


Hwan na ɔyɛeɛ, na ɔmaa no baeɛ, na ɔfrɛ awoɔ ntoatoasoɔ firi mfitiaseɛ? Ɛyɛ me AWURADE a meyɛ kannifoɔ, na awieeɛ nso, mene ɔno ara.


Sɛ AWURADE, Israel hene, ne ne Gyefoɔ, asafo AWURADE seɛ nie: Mene odikanfoɔ na mene okyidifoɔ, na Onyankopɔn biara nni hɔ gye me nko.


Na me, AWURADE, mensakyera; enti mo, Yakob mma, morenwie sa.


Na Nyankopɔn ba Kristo Yesu a me ne Silwano ne Timoteo kaa ne ho asɛm mo mu no, anyɛ aane ne dabi, na aane mmom na ɛwɔ ne mu.


Ɛfiri sɛ, Nyankopɔn bɔ dodoɔ a ɔhyɛeɛ no, ɔno mu na aane no wɔ, na ne mu nso na Amen no wɔ ma wɔnam yɛn so hyɛ Onyankopɔn animuonyam.


na wobɛbobɔ wɔn sɛ firatam, na wɔasakyera wɔn sɛ atadeɛ. Na wo deɛ, wote sɛ deɛ wote ara, na wo mfeɛ renhi da.


Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.


Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn Agyenkwa no, ɔno na animuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmerɛ santen, seesei ne daa nyinaa. Amen.


sɛ: Twerɛ deɛ wohunu hyɛ nwoma mu, na fa kɔma asafo ahodoɔ nson no, fa kɔ Efeso, Smirna, Pergamo, Tiatira, Sardi, Filadelfia ne Laodikea.


Yohane de kɔma asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no: Adom ne asomdwoeɛ mfiri deɛ ɔwɔ hɔ seesei, deɛ na ɔwɔ hɔ dada, deɛ ɔreba no ne ahonhom nson a ɛwɔ n’ahennwa anim,


Awurade se: Mene Alfa ne Omega no, deɛ ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dada na ɔreba, adeɛ nyinaa so tumfoɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios