Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 13:2 - New Revised Asante Twi Bible

2 Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

2 Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; ɛfiri sɛ yei so na ebinom nam yɛɛ abɔfoɔ hɔhoɔ a wɔn ani nni soɔ.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

2 Monkae na munnye ahɔho wɔ mo afi mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfo a na wonnim.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

2 Monkae na monnye ahɔhoɔ wɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

2 Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; efisɛ eyi so na ebinom nam yɛɛ abɔfo hɔho a wɔn ani nni so.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 13:2
21 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abraham wɔ Mamre pɔ mu, na ɔte ne ntomadan pono ano awia ketee.


Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ:


Na da bi Elisa sene kɔɔ Sunem. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no ma ɔdidiiɛ. Na daa ɔretwam a, ɔmane hɔ kɔdidi.


sɛ mahunu obi a ntoma abɔ no nti ɔreyera na nkataho bi nni ohiani nsam,


Ɔhɔhoɔ biara ansoɛ abɔntene so, mebuee me pono mekyerɛɛ akwantufoɔ,


Ɛnyɛ yei nso: Sɛ wobubu wo paanoo ma deɛ ɛkɔm de no di bi, na wode mmɔborɔfoɔ, adamfikyi, ba wo fie, sɛ wohunu dagyani a, wokata ne ho, na womfa wo ho nhunta wo honam mu nnipa?


Ɔhɔhoɔ a wabɛtena mo mu nyɛ mo sɛ mo kuromani bi, na dɔ no sɛ wo ho, ɛfiri sɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔhoɔ: Mene AWURADE mo Nyankopɔn.


Na ɛkɔm dee me, na momaa me biribi diiɛ, na sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomee, meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mofaa me kɔɔ mo fie;


Na ɔhene bɛbua ase wɔn sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, sɛ moyɛ maa me nuanom nketewa yi mu baako yi, moyɛ maa me.


meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na moamfa me ankɔ mo fie, medaa adagya, na moamfira me ntoma; meyaree na medaa afiase, na moammɛhwɛ me.


Na wɔbɔɔ ɔno ne ne fiefoɔ asu no, ɔsrɛɛ sɛ: Sɛ moabu me sɛ megye Awurade medi nokorɛ mu a, mommra mmɛtena me fie; na ɔsrɛɛ yɛn ara maa yɛn ne no kɔe.


Momma ahotefoɔ hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!


Gaio a ɔyɛ me ne asafo no nyinaa fiewura kyea mo. Erasto a ɔyɛ kurom ha sikakorafoɔ ne onua Kwarto kyea mo.


Nso deɛ ɛsɛ ɔhwɛfoɔ ne sɛ wɔnnya ne ho asɛm bi nka, ɔyɛ ɔyerɛ baako kunu, n’ani so da hɔ, n’adwene mu te, ɔyɛ ne ho wesee, ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔnim nkyerɛkyerɛ,


deɛ wɔdi no ne ne nnwuma pa ho adanseɛ: Sɛ wayɛne mma, sɛ wayɛ ahɔhoyɛ, sɛ wahohoro ahotefoɔ nan ho, sɛ waboa wɔn a wɔn ho ahia wɔn, sɛ wadi adwuma pa nyinaa akyi.


na mmom ɔpɛ ahɔhoyɛ, ɔpɛ papa, n’adwene mu te, ɔtene, ne ho te, ɔwɔ ahohyɛsoɔ,


Monnyegye mo ho ahɔhoɔ a anwiinwii biara nni mu.


Ɔdɔfo, deɛ woyɛ ma anuanom a wɔyɛ ahɔhoɔ no, ne kwan so ara ne no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios