Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 13:1 - New Revised Asante Twi Bible

1 Onuadɔ ntena hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

1 Onuadɔ ntena hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

1 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Monnodɔ mo ho mo ho sɛ anuanom wɔ Kristo mu.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

1 Onuadɔ ntena hɔ daa.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 13:1
30 Referencias Cruzadas  

Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako.


Yei na mehyɛ mo, sɛ monnodɔ mo ho.


Na Pentekoste da no duruiɛ no, na wɔn nyinaa ahyia faako.


Na wɔn mu bebree a wɔgye diiɛ no akoma ne wɔn kra yɛ baako, na wɔn mu biara nka sɛ ne nnoɔma a ɔwɔ yɛ ɔno ara dea, na ne nyinaa yɛ wɔn kwasafodeɛ.


Anuanom, adehyedie mu na wɔafrɛ mo aba; nanso mommma adehyedie no nyɛ ɔkwan mma honam, na mmom momfa ɔdɔ so nsonsom mo ho.


Na honhom aba ne ɔdɔ, anigyeɛ, asomdwoeɛ, abodwokyɛre, ayamyɛ, papayɛ, gyidie,


Ɛfiri sɛ Kristo Yesu mu deɛ, twetiatwa anaa momonotoyɛ nyɛ hwee, na mmom gyidie a ɛnam ɔdɔ so yɛ adwuma.


mommɔ mmɔden mfa asomdwoeɛ homa nkura honhom baakoyɛ mu.


na monnante ɔdɔ mu, sɛdeɛ Kristo nso dɔɔ mo na ɔde ne ho maeɛ maa yɛn sɛ ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a wɔbɔ ma Onyankopɔn a ɛtu hwa a ɛyɛ dɛ no.


Anuanom, ɛsɛ yɛn sɛ yɛda Onyankopɔn ase daa sɛdeɛ ɛfata, mo nti, ɛfiri sɛ mo gyidie nyini boro so, na dɔ a mo nyinaa mode dodɔ mo ho mmaako mmaako no mu adɔ.


na momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.


Monte mo kra ho, nokorɛ setie mu, nkɔ onuadɔ a nkontompo nni mu mu, na momfiri akoma mu nnodɔ mo ho mo ho denden.


Monni nnipa nyinaa ni! Monnɔ anuanom! Monsuro Onyankopɔn! Monni ɔhene ni!


N’awieeɛ ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkorɔ, monhunu mmema mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmema mo ho, monnwene ahobrɛaseɛ adwene.


Na ne titire no, momfa ɔdɔ a emu yɛ den nnodɔ mo ho, ɛfiri sɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.


na onyamesom pa nka boasetɔ ho, na onuadɔ nka onyamesom pa ho, na ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho.


Na yei ne n’ahyɛdeɛ, sɛ yɛnnye ne Ba Yesu Kristo din no nni, na yɛnnodɔ yɛn ho, sɛdeɛ ɔmaa yɛn ahyɛdeɛ no.


Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtane ne nua a, ɔyɛ ɔtorofoɔ. Na deɛ ɔnnɔ ne nua a ɔhu no no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔbɛtumi adɔ Onyankopɔn a ɔnhunuu no?


Nanso mewɔ wo ho asɛm bi, ɛne sɛ, woagya wo kane dɔ no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios