Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 12:3 - New Revised Asante Twi Bible

3 Na monsusu deɛ ɔtoo ne bo ase, tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfoɔ de tuaa n’ano bebree no ho yie, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

3 Na monsusu deɛ ɔtoo ne bo ase, tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfoɔ de tuaa n’ano bebree no ho yie, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfo tan a wɔtan no nso, otumi gyinaa ano no. Ɛno nti mommpa abaw.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho sɛ nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

3 Na munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 12:3
46 Referencias Cruzadas  

Wo nsa mu go ahohiahia da mu a, w’ahoɔden sua.


AWURADE Nyankopɔn ama me asuafoɔ tɛkyerɛma, sɛ menhunu sɛdeɛ mede asɛm bɛwowa deɛ wabrɛ; ɔnyane me daa anɔpa, ɔbue m’aso ma me, sɛ memfa mentie sɛ asuafoɔ.


Onipa ba no baeɛ, ɔdidi na ɔnom, na wɔse: Hwɛ, odidifoɔ ne ɔsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ adamfo. Nanso, nyansa nam ne nnwuma so di bem.


Na Farisifoɔ no teeɛ no, wɔkaa sɛ: Ahonhommɔne panin Beelsebul nko ara so na onipa yi nam tu ahonhommɔne.


Adɛn nti na w’asuafoɔ no nni mpanimfoɔ atetesɛm no soɔ? Wɔnhohoro wɔn nsa ansa na wɔadidi.


Na ɔduruu asɔrefie na ɔrekyerɛkyerɛ no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mu mpanimfoɔ baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Tumi bɛn na wode yɛ nnoɔma yi, na hwan na ɔmaa wo saa tumi yi?


Na wɔhwehwɛɛ sɛ wɔkyere no nanso na wɔsuroo nkurɔfoɔ akuakuo no, ɛfiri sɛ na wɔbu no sɛ odiyifoɔ.


Ɛno na Farisifoɔ no kɔ kɔtuu agyina sɛdeɛ wɔbɛsum no fidie wɔ kasa mu.


Na ɛbaa sɛ homeda bi, ɔkɔɔ Farisifoɔ panin bi fie no, na wɔretɛ no.


Na Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ no nwiinwii kaa sɛ: Oyi gye nnebɔneyɛfoɔ, na ɔne wɔn didi.


Na Farisifoɔ no a wɔyɛ sikapɛfoɔ tee yeinom nyinaa; na wɔseree no.


Na Simeon hyiraa wɔn, na ɔka kyerɛɛ ne na Maria sɛ: Hwɛ, abɔfra yi na wɔde no asi hɔ ama Israel nnipa bebree ahweaseɛ ne wɔn sɔreɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ a wɔbɛkasa atia no,


Na Atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ no firii aseɛ susuu sɛ: Hwan ne oyi a ɔka abususɛm yi? Hwan na ɔbɛtumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn nko ara?


Na wɔn mu bebree kaa sɛ: Ɔwɔ honhommɔne, na wabɔ dam; adɛn nti na motie no?


Na ɔkaa saa no, asomfoɔ no mu baako a ɔgyina hɔ no bɔɔ Yesu sotorɔ kaa sɛ: Sɛdeɛ wobua ɔsɔfo panin nie?


Na yei nti Yudafoɔ no taa Yesu, ɛfiri sɛ wayɛ nnoɔma yi homeda.


Na huhuhuhu bebree aba nkurɔfoɔ akuakuo no mu wɔ ne ho. Ebinom se: Ɔyɛ onipa pa; na ebinom se: Dabi, na ɔdaadaa nkurɔfoɔ mmom.


Ɛnna Farisifoɔ no see no sɛ: Wo deɛ, wodi wo ara wo ho adanseɛ; w’adanseɛ no nyɛ nokorɛ.


Ɛnna Yudafoɔ no see no sɛ: Afei na yɛahunu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham ne adiyifoɔ no wuwui, na wo deɛ, wose: Sɛ obi di m’asɛm so a, ɔrenka owuo nhwɛ ara da.


Ɛnna wɔtasee aboɔ sɛ wɔbɛto abɔ no, na Yesu huntae, na ɔfiri asɔrefie hɔ kɔe.


Na Farisifoɔ no mu bi a wɔne no wɔ hɔ no tee nsɛm yi, na wɔsee no sɛ: Na yɛn nso yɛyɛ anifirafoɔ?


Enti, me nuanom, adɔfo, montintim, monnhinhim, monkɔ so Awurade adwuma mu daa, ɛfiri sɛ monim sɛ mo brɛ nyɛ kwa, Awurade mu.


Saa nti, sɛ yɛnam Nyankopɔn mmɔborɔhunu so wɔ saa som yi nti, yɛmpa aba,


Yei nti na yɛmpa aba, na sɛ yɛn honam ani nipa yi resɛe mpo a, emu nohoa nipa no dane foforɔ daa daa.


Na mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa aba a, yɛbɛtwa so aba ne berɛ mu.


na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ: Israel, tie, morebɛn dɔm nnɛ ne mo atamfoɔ akɔko, mommma mo akoma nntu, monnsuro na mo ho mmpopo, na mommma wɔn ho nnyɛ mo hu,


Na mo deɛ, anuanom, mommmrɛ papayɛ mu.


nhwɛ gyidie mu kannifoɔ ne ne wiefoɔ Yesu a ɔhwɛɛ anigyeɛ a ɛda n’anim too ne bo ase hunuu asɛnnua amaneɛ, na wammu aniwuo, na wakɔtena Nyankopɔn ahennwa nifa.


na mo werɛ afi afotuo a ɛkasa kyerɛ mo sɛ mma no, sɛ: Me ba, mmu Awurade asotwe ade ketewa, nanso ɔyi wo atɛn a, mma w’aba mu mmu.


Ɛno nti, anuanom akronkronfoɔ a mofra ɔsoro frɛ no mu, monhwɛ yɛn asɛm a yɛgyina so ka no ho Ɔsomafoɔ ne Ɔsɔfo Panin Yesu


Ɔno na wɔyaa no, na wanya bie, ɔhunuu amane, nanso wanhunahuna, na mmom ɔde n’asɛm hyɛɛ deɛ ɔbu atɛntenenee no nsa.


Na wowɔ boasetɔ, na me din nti, woahunu amane, nanso woampa aba.


Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios