Biblia Todo Logo
La Biblia Online

- Anuncios -




Hebrifo 11:4 - New Revised Asante Twi Bible

4 Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa.

Ver Capítulo Copiar

Twerɛ Kronkron

4 Gyidie na Habel de bɔɔ afɔdeɛ a ɛso kyɛne Kain deɛ maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanseɛ sɛ ɔtene, ɛfiri sɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛdeɛ ho adanseɛ, na ɛno so na sɛ ɔwui mpo a, ɔda so kasa.

Ver Capítulo Copiar

Akuapem Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛnam gyidi so na Habel bɔɔ afɔre a ɛsɔ ani kyɛn nea Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidi nti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa trenee, na nʼakyɛde no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wui a nnɛ mpo ɔda so kasa.

Ver Capítulo Copiar

Asante Twi Nkwa Asɛm

4 Ɛnam gyidie so na Habel bɔɔ afɔdeɛ a ɛsɔ ani kyɛn deɛ Kain de maa Onyankopɔn no. Ne gyidie enti, Onyankopɔn buu no sɛ onipa tenenee, na nʼakyɛdeɛ no sɔɔ Onyankopɔn ani. Na ɛno so na ɔnam wuiɛ a ɛnnɛ mpo ɔda so kasa.

Ver Capítulo Copiar

KYERƐW KRONKRON

4 Gyidi na Habel de bɔɔ afɔre a ɛso kyɛn Kain de maa Onyankopɔn. Ɛno so na ɔnam nyaa adanse sɛ ɔteɛ, efisɛ Onyankopɔn dii n’ayɛyɛde ho adanse, na ɛno so na ɔnam wui a ɔda so kasa.

Ver Capítulo Copiar




Hebrifo 11:4
21 Referencias Cruzadas  

Na AWURADE se: Ɛdeɛn na woayɛ yi? Wo nua mogya nne reteam frɛ me firi asase so.


Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛno nti obiara a ɔbɛkum Kain no, wɔbɛtɔ ne so werɛ ahodoɔ nson. Na AWURADE yɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi maa Kain, na obiara a ɔbɛhu no no anku no.


Na Adam ne ne yere daeɛ bio, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔtoo ne din Set (aseɛ ne: Nsiananmu) sɛ: Onyankopɔn de ɔba foforɔ asi me Habel a Kain kumm no no ananmu.


Na Kain ka kyerɛɛ ne nua sɛ, ma yɛn nkɔ afuom. Na ɛbaa sɛ wɔwɔ afuom no, Kain sɔre tiaa ne nua Habel, na ɔkumm no.


Ɛnna AWURADE gya duru bɛhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne nnyina no ne aboɔ ne dɔteɛ no, na ɛwee nsuo a ɛwɔ ɛka no mu no.


Ɛnyɛ wɔn na wɔbɛkyerɛ wo na wɔaka akyerɛ woɔ anaa, na wɔayiyi nsɛm afiri wɔn akoma mu?


Abɔnefoɔ afɔdeɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ, na teefoɔ mpaebɔ deɛ ɛyɛ n’anisɔdeɛ.


Abɔnefoɔ afɔrebɔ yɛ akyiwadeɛ, na nkantom sɛ ɔde bɛfa adwemmɔne mu aba.


Na ogya firii AWURADE anim bɛhyee afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ ne sradeɛ no. Na ɔman no nyinaa hunui, na wɔde anigyeɛ huroe, na wɔde wɔn anim butubutuu fam.


na mogya tenenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, ɛfiri Habel tenenee mogya so de bɛsi Barakia ba Sakaria a mokumm no asɔredan ne afɔrebukyia ntam no mogya so aba mo so.


ɛfiri Habel mogya so de kɔsi Sakaria a ɔtɔɔ afɔrebukyia ne asɔredan ntam no mogya so. Aane, mese mo sɛ, wɔbɛhwehwɛ wɔ nnɛ mma yi nsam.


Wɔka sɛ wɔnim Onyankopɔn, nanso wɔde wɔn nnwuma po no. Wɔyɛ akyiwadeyɛfoɔ ne asoɔdenfoɔ, na wɔmfra mma adwuma pa biara.


Na yei mu na tetefoɔ no nyaa adanseɛ pa.


Saa nti yɛn nso, ɛnam sɛ yɛwɔ adansefoɔ pii a ɛte sɛɛ a atwa yɛn ho ahyia yi, momma yɛnto adesoa biara ne bɔne a ɛnkyɛ na ɛtwa yɛn ho hyia si yɛn kwan no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu akansie a ɛda yɛn anim no mu mmirika,


ne Apam Foforɔ ntamgyinafoɔ Yesu, ne mogya a wɔpete a ɛkasa yie sene Habel deɛ ho.


Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama,


Ampa ara, wɔde mogya na ɛte nnoɔma nyinaa ho, sɛdeɛ mmara no teɛ, na mogya angu a, bɔne fakyɛ nni hɔ.


(na deɛ onipa tenenee no tenaa wɔn mu hunuiɛ na ɔteeɛ no, mmarato nnwuma no yɛɛ ne kra tenenee no ayayadeɛ daa nyinaa;)


Wɔnnue, ɛfiri sɛ wɔafa Kain kwan so, na mfasoɔ nti, wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera sɛ Kora wɔ atuateɛ mu.


Síguenos en:

Anuncios


Anuncios